Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 3:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na yeinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Deɛ ɔtɔ so mmienu ne Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail deɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Eyinom ne mmabarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne na a na ofi Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔto so abien no, na ne din de Daniel. Na ne na a ofi Karmel no din de Abigail.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Yeinom ne mmammarima a wɔwowoo wɔn maa Dawid wɔ Hebron. Na nʼabakan din de Amnon a ne maame a na ɔfiri Yesreel no din de Ahinoam. Ne ba a ɔtɔ so mmienu no, na ne din de Daniel. Na ne maame a ɔfiri Karmel no din de Abigail.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na eyinom ne Dawid mma a wɔwoo wɔn maa no Hebron: N’abakan Amnon ne Yesreelni Ahinoam ba. Nea otia abien ne: Daniel a ɔyɛ Karmelni Abigail de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 3:1
11 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ba Absalom wɔ nuabaa fɛfɛ bi a ne din de Tamar. Na nna bi akyi no, Dawid ba Amnon pɛɛ no.


Na Absalom mmeranteɛ no yɛɛ Amnon sɛdeɛ Absalom hyɛɛ wɔn no. Ɛnna ɔhene mma no nyinaa sɔresɔre tenatenaa wɔn mfunumu so dwanedwaneeɛ.


Na akodie daa Saulo fie ne Dawid fie ntam kyɛreeɛ. Na Dawid deɛ, ɔkɔɔ so yɛɛ den ara, nanso Saulo fie deɛ, wɔkɔɔ so hodwoe ara.


Na Dawid firi Hebron baeɛ akyiri no, ɔfefaa mpena na ɔwarewaree yerenom pii firii Yerusalem, na wɔwowoo mmammarima ne mmammaa maa no bio.


ne atwerɛfoɔ mmusua a wɔte Yabes no: Tirafoɔ, Simeafoɔ, Sukafoɔ. Wɔne Kinifoɔ a wɔyɛ Hamat a ɔyɛ Rekab fie agya no asefoɔ.


na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so.


Deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa ne Absalom a ɔyɛ Gesurhene Talmai babaa Maaka ba. Deɛ ɔtɔ so nnan ne Adoniya a ɔyɛ Hagit ba.


ne Yesreel ne Yokdeam ne Sanoa,


Na Dawid ne Akis tenaa Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fiefoɔ, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan