Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 26:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Yeinom nyinaa firi Obed-Edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wɔyɛ aduosia mmienu a wɔyɛ Obed-Edom asefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Yeinom nyinaa firi Obed-Edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wɔyɛ aduosia mmienu a wɔyɛ Obed-Edom asefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Obed-Edom asefo yi nyinaa a wɔn mmabarima ne wɔn nenanom a na wɔn nyinaa dodow yɛ aduosia abien (62) no yɛ nnipa a na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yiye na wɔn nnwuma fata wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Eyinom nyinaa fi Obed-edom mma mu, wɔne wɔn mma ne wɔn nuanom, mmarima a wotumi a wɔwɔ ɔsom mu ahoɔden, wosi aduosia abien a wɔyɛ Obed-edom de.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 26:8
7 Iomraidhean Croise  

Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gitini Obed-edom fie.


Semaia mma ne: Otni ne Refael ne Obed, Elsabad a ne nuanom Elihu ne Semakia yɛ nnipa a wɔtumi wɔn ho.


Na Meselemia wɔ mma ne anuanom, nnipa a wɔtumi wɔn ho, dunwɔtwe.


Na ɔmaa ɔbaako talente nnum, na ɔbaako mmienu, na ɔbaako nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ; na ɔtuu kwan.


Ɔno na wama yɛafata sɛ apam foforɔ ho asomfoɔ, nyɛ atwerɛdeɛ mu, na mmom honhom mu, ɛfiri sɛ atwerɛdeɛ deɛ, ɛkum, na honhom deɛ ɛma nkwa.


Sɛ obi ka asɛm a, ma no nka no sɛ Nyankopɔn nsɛm. Sɛ obi som a, ma no nsom sɛ ɛfiri ahoɔden a Onyankopɔn de ma mu, na wɔnam Yesu Kristo so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam, ade nyinaa mu. Ɔno na animuonyam ne tumi wɔ no daa daa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan