Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 26:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Obed-Edom wɔ mma: Semaia n’abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoah tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Obed-Edom wɔ mma: Semaia n’abakan, Yehosabad tɔ so mmienu, Yoah tɔ so mmiɛnsa, Sakar tɔ so nnan, Netanel tɔ so nnum,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Obed-Edom mmabarima nso a wɔyɛ apon ano ahwɛfo yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔto so abien, Yoa a ɔto so abiɛsa, Sakar a ɔto so anan, Netanel a ɔto so anum,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Obed-Edom mmammarima nso a wɔyɛ apono ano ahwɛfoɔ yɛ: Semaia a ɔyɛ abakan, Yehosabad a ɔtɔ so mmienu, Yoa a ɔtɔ so mmiɛnsa, Sakar a ɔtɔ so ɛnan, Netanel a ɔtɔ so enum,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Obed-edom wɔ mma: Semaia ne abakan, Yosabad tia abien, Yoah to so abiɛsa, Sakar to so anan, Netanel to so anum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 26:4
11 Iomraidhean Croise  

Enti Dawid ampɛ sɛ ɔde AWURADE adaka no ba ne nkyɛn, Dawid kuro no mu, na Dawid de mane kɔɔ Gitini Obed-edom fie.


Na AWURADE adaka no sii Gitini Obed-edom fie abosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-edom ne ne fie nyinaa.


Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE ahyira Obed-edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa, Nyankopɔn adaka no nti. Na Dawid kɔ kɔfaa Nyankopɔn adaka no firii Obed-edom fie de baa Dawid kuro mu anigyeɛ mu.


Na Nyankopɔn adaka no sii Obed-Edom fie bosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.


Na wɔde wɔn nuanom a wɔtɔ so mmienu kaa wɔn ho: Sakaria, Ya-asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Ma-aseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Ye-iel, apono ano hwɛfoɔ no.


Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed-Edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten nne a ɛtɔ so nwɔtwe so.


Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ.


na Obed-Edom ne wɔn nuanom yɛ aduosia nwɔtwe, na Yedutun ba Obed-Edom ne Hosa yɛɛ apono ano ahwɛfoɔ.


Asaf ne panin, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-Edom ne Yeiel, wɔkurakura mmɛnta ne nsankutene, na Asaf deɛ, ɔbɔ nnawuro a ɛgyegyeɛ.


Elam tɔ so nnum, Yohanan tɔ so nsia, Eliehoenai tɔ so nson.


Amiel tɔ so nsia, Isakar tɔ so nson, Peuletai tɔ so nwɔtwe, na Onyankopɔn ahyira no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan