Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 24:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso Nadab ne Abihu wui a wonni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti ɛkaa Eleasar ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Nanso, Nadab ne Abihu wuiɛ a wɔnni mma ansa na wɔn agya rewu. Enti, ɛkaa Eleasa ne Itamar nko ara a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wonni mma. Na Eleasar ne Itamar bedii asɔfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 24:2
11 Iomraidhean Croise  

Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri.


Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ.


Na fa aboomu bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmudeɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ.


Na Aaron faa Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar maa no.


Na Mose kasa kyerɛɛ Aaron ne ne mma Eleasa ne Itamar a wɔkaeɛ no sɛ: Momfa AWURADE gya afɔdeɛ mu aduane a ɛkaeɛ no, na monni no apiti, afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee wɔn, na wɔwuwuu AWURADE anim.


Na wo ne wo mma a wɔka wo ho no nhwɛ mo asɔfodie no, afɔrebukyia no ho nsɛm nyinaa mu ne ntwamutam no mu deɛ no mu mfa nsom. Mede mo asɔfodie no mama mo sɛ akyɛdeɛ som adwuma; na obi foforɔ biara a ɔpinkyɛ no, wɔnku no.


nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wɔwuwui.


Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan