Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 24:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛnea wɔkyekyɛɛ Aaron asefo a wɔyɛ asɔfo no mu akuwakuw ma wɔsom no ni: Na Aaron mmabarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Sɛdeɛ wɔkyekyɛɛ Aaron asefoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no mu akuakuo ma wɔsomeeɛ no nie: Na Aaron mmammarima no yɛ Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Aaron mma no de, wɔn mu nkyekyem ni: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasar ne Itamar.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 24:1
16 Iomraidhean Croise  

Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.


ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ne AWURADE fie som adwuma no nyinaa ne AWURADE fie som ho adeɛ nyinaa;


Na Amram mma ne: Aaron, Mose ne Miriam. Na Aaron mma ne: Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Elkana ba, Yeroham ba, Eliel ba, Yoa ba,


Na Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefie homeda, ne wɔn a wɔrepɔn adwuma homeda no bae, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma wɔn a wɔrepɔn no ampɔn.


Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu.


Na ɛbaa sɛ, asɔfoɔ no firi kronkronbea hɔ firii adie no, (na asɔfoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa ayɛ wɔn ho kronkron, na wɔanni nkyekyɛmu no akyi,


Na sɛdeɛ n’agya Dawid atorɔmudeɛ teɛ no, ɔde asɔfoɔ no nkyekyɛmu no sisii wɔn som so, ne Lewifoɔ no nso, wɔn som nnwuma so, sɛ wɔnyi ayɛ na wɔnsom asɔfoɔ no anim, sɛdeɛ ɛhia da biara; ne apono ano hwɛfoɔ no, wɔn nkyekyɛmu mu, ɛpono ne ɛpono ano, na saa na Nyankopɔn nipa Dawid hyɛeɛ.


Na wɔde asɔfoɔ no sisii wɔn akuakuo so, ne Lewifoɔ no, wɔn nkyekyɛmu so maa Nyankopɔn som Yerusalem, sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no Mose nwoma no mu no.


Abisua ba, Pinehas ba, Eleasa ba, Aaron ɔsɔfo panin no ba,


Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na Aaron faa Aminadab babaa Elisaba a ɔyɛ Nahson nua waree, na ɔwoo Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar maa no.


Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar maa no;


Na yeinom ne Aaron mma din: Nadab a ɔyɛ abakan, Abihu, Eleasa ne Itamar.


Na Nadab ne Abihu wuwuu AWURADE anim, sɛ wɔde anana gya bi kɔɔ AWURADE anim Sinai serɛ soɔ no, na wɔannya mma; na Eleasa ne Itamar dii asɔfoɔ wɔn agya Aaron anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan