Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 23:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Dawid bɔɔ akwakoraa no, oyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na obedi Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Dawid bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne babarima Salomo sɛ ɔno na ɔbɛdi Israel so ɔhene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Dawid bɔɔ akora na nna pii mee no no, ɔde ne ba Solomon sii Israel so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 23:1
12 Iomraidhean Croise  

Na Abraham gyaa ne honhom mu, na ɔwuu ɛdwono pa mu, wabɔ akɔkoraa, na ɔnyaa mfeɛ pii. Na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.


Na Isak gyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii ne nananom wɔ asamando, berɛ a na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.


Afei Ɔhene Dawid abɔ akora, na ɛwom sɛ na ne nkoa de bomo kata ne ho deɛ, nanso ne ho anyɛ no hye.


Me wura ɔhene nkyɛn na asɛm yi fire, na woamma w’akoa anhunu deɛ ɔbɛtena me wura ɔhene adwa no soɔ n’akyiri?


sɛdeɛ mekaa AWURADE Israel Nyankopɔn ntam mekyerɛɛ wo sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛdi m’adeɛ, na ɔno na ɔbɛtena m’adwa soɔ asi m’ananmu no, saa ara na mɛyɛ nnɛ da yi.


Na Salomo tenaa n’agya adwa so, na n’ahennie tim pintinn pa.


Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae.


na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so.


Na ɔwuu onyini pa mu a nna ne adedodoɔ ne animuonyam amee no. Na ne ba Salomo bɛdii n’adeɛ.


wode onyinkyerɛ na ɛbɛkɔ damena mu, sɛ wɔde ayuo afiafi ba mu ne berɛ mu no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan