Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 21:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, maa Dawid kan Israelfo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbonsam sɔre tiaa Israel, ma Dawid kanee Israelfoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Satan gyina hyɛɛ Israel, na opiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 21:1
18 Iomraidhean Croise  

Yeinom na wɔwoo wɔn maa abrane no wɔ Gat, na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsa ano.


Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.


Yeinom nyinaa yɛ Aser mma mpanimfie so atitire, mmarima akofoɔ a wɔayi wɔn, mmapɔmma mu atitire; na wɔn a wɔkan wɔn maa ɔsakorɔ sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ no yɛ mmarima mpemaduonu nsia.


Na da bi nso Ɔsoro dɔm sane baa sɛ wɔrebɛgyina AWURADE anim, na Satan nso dii wɔn mu baa sɛ ɔrebɛgyina AWURADE anim bi.


Sɛ wobu Israelfoɔ ano hwehwɛ wɔn dodoɔ a, wɔn kan yi mu no, wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata adeɛ mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyadeɛ bi amma wɔn mu.


Na ɔmaa mehunuu Ɔsɔfopanin Yosua sɛ ɔgyina AWURADE bɔfoɔ no anim, na Satan gyina ne nifa sɛ ɔretoto n’ano.


Na ɔsɔhwɛfoɔ no baa ne nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɛ wone Nyankopɔn Ba no a, kasa na aboɔ yi nnane paanoo.


Na ɔfiri hɔ kɔeɛ no, Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no fitii aseɛ hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho,


Simon, Simon, hwɛ, anka na Satan pɛ sɛ ɔnya mo na ɔhuhu mo so sɛ aburoo.


Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, akoma mu sɛ ɔnkɔyi no mma.


Na Petro kaa sɛ: Anania, adɛn nti na Satan ahyɛ w’akoma ma sɛ bɛdi atorɔ kyerɛ Honhom Kronkron, na woayi asase no tiri adeɛ bi asie?


na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.


Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma no nnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ. Ɛfiri sɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.


Na metee nne kɛseɛ ɔsoro sɛ: Afei nkwagyeɛ ne tumi ne ahennie ayɛ yɛn Nyankopɔn dea, na tumi ayɛ ne Kristo no dea, ɛfiri sɛ wɔato yɛn nuanom anototofoɔ no atwene; ɔno na ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan