Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 20:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Asusow bere, afe mu bere a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Amonfo nkurow ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodi no mu no, wotuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa bere no na Dawid te akyi wɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Asusɔ berɛ, afe mu ɛberɛ a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel akodɔm anim, kɔto hyɛɛ Amonfoɔ nkuro ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodie no mu no, wɔtuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa ɛberɛ no, na Dawid te akyire wɔ Yerusalem.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na afe no twaa mu no, ɛbere a ahene tu sa mu no, Yoab de dɔm ne ahoɔden nyinaa kɔe kɔsɛee Amonfo asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu, na Dawid de, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na obubui.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 20:1
15 Iomraidhean Croise  

Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.


Na Dawid duruu Mahanaim no, Nahas ba Sobi a ɔfiri Amonfoɔ Raba, ne Amiel ba Makir a ɔfiri Lo-debar, ne Gileadni Barsilai a ɔfiri Rogelim no


Na odiyifoɔ no twe pinii Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hwɛ na hunu deɛ wobɛyɛ; na afeda sɛsɛɛ no Siriafoɔ bɛforo aba wo so.


Na afeda ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ no mu, Ben-hadad boaboaa Siriafoɔ dɔm ano na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko.


Na Elisa wui, na wɔsiee no. Na afe no baeɛ no, Moabfoɔ afomfafoɔ asafo baa asase no so.


Na Hadadeser nkoa hunuu sɛ wɔadi nkoguo wɔ Israel anim no, wɔne Dawid yɛɛ asomdwoeɛ apam, na wɔsom no. Na Siriafoɔ ampɛ sɛ wɔboa Amonfoɔ no bio.


Hwɛ, me na mebɔɔ ɔtomfoɔ a ɔfite gyabidie mu na ɔbɔ akodeɛ sɛdeɛ ne dwuma teɛ, na me ara na mebɔɔ ɔsɛefoɔ sɛ ɔnsɛeɛ.


Na mese: O AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse: Ɛnkɔsi sɛ nkuro bɛdane akurofo a obi nte mu, na afie atɔ mpan a onipa nni mu, na asase no asɛe ayɛ fo koraa,


Siesie ɔkwan a nkrantɛ no mfa so mmra Amonfoɔ kuro Raba ne Yuda kuro a ɛwɔ Yerusalem a ɛyɛ den no mu.


na mede Raba bɛyɛ yoma adan, na Amonfoɔ asase ayɛ nnwan butubea, na moahunu sɛ mene AWURADE.


na mɛsɔ Raba fasuo mu gya, na ahye n’aban denden no, na wɔbɛte ɔko mu gyegyeegye, na ɔko no bɛyɛ den sɛ ahumtuo da no kirididibɔ mu.


(Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan