Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 2:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Na wɔn nua mmaanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne Abisai, Yoab ne Asa-el. Wɔyɛ baasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na wɔn nua mmaanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne Abisai, Yoab ne Asa-el. Wɔyɛ baasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Na wɔn nuabeanom din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmabarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Na wɔn nuanom mmaa din de Seruia ne Abigail. Na Seruia woo mmammarima baasa a wɔn din yɛ Abisai, Yoab ne Asahel.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 na wɔn nuammeanom ne Seruia ne Abigail; na Seruia mma ne: Abisai ne Yoab ne Asahel; wosi baasa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 2:16
11 Iomraidhean Croise  

Na Seruia ba Yoab hunuu sɛ ɔhene akoma wɔ Absalom ho.


Na Absalom de Amasa sii Yoab ananmu hyɛɛ asraafoɔ dɔm no so. Amasa yɛ ɔbarima a wɔfrɛ no Yitra, Israelni a ɔkɔɔ Nahas babaa Abigail a ɔyɛ Yoab ne na Seruia nua ho no, ba.


Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?


Na Seruia ba Yoab ne Dawid nkoa tu kɔe, na wɔhyia boaboaa wɔn ano wɔ Gibeon tadeɛ ho, yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha, na yeinom boa ɔtadeɛ no fa ha.


Na me deɛ, ɛnnɛ meyɛ mmerɛ, na wɔasra me asi me hene, na mmarima yi, Seruia mma yi yɛ den ma me. AWURADE ntua deɛ ɔyɛ bɔne so ka sɛdeɛ ne bɔne teɛ.


Na Yoab nua Abisai nso di baasa no ti. Ɔno nso na ɔhwinhwim ne pea atɔfoɔ ahasa soɔ, na ɔwɔ din baasa no mu.


Osem tɔ so nsia, Dawid tɔ so nson.


Na Abigail woo Amasa, na Amasa n’agya ne Ismaelni Yeter.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Seruia ba Abisai, Yoab nua sɛ: Hwan na ɔne me bɛsiane akɔ Saulo nkyɛn wɔ nsra mu hɔ? Na Abisai sɛ: Mene wo bɛsiane akɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan