Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 19:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, na n’agya yɛɛ me adɔeɛ. Na Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wuo nti. Na Dawid nkoa no sii mu kɔɔ Amonfoɔ asase so, kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔrekɔma no hyɛden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Ɛnna Dawid kaa sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔeɛ, na n’agya yɛɛ me adɔeɛ. Na Dawid somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya wuo nti. Na Dawid nkoa no sii mu kɔɔ Amonfoɔ asase so, kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔrekɔma no hyɛden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid susuw ho se, “Mɛda ayamye adi akyerɛ Nahas ba Hanun, efisɛ nʼagya daa ayamye adi kyerɛɛ me.” Ɛno nti, Dawid tuu abɔfo ma wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wu no ho. Bere a abɔfo no duu Amon asase so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Dawid kaa sɛ, “Me ne Hanun bɛyɛ baako, ɛfiri sɛ, nʼagya Nahas ne me yɛɛ baako nokorɛm.” Ɛno enti, Dawid tuu abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Hanun nkyɛn, kɔmaa no hyɛden wɔ nʼagya wuo no enti. Nanso, ɛberɛ a abɔfoɔ no duruu Amon asase so no,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Ɛnna Dawid kae sɛ: Mɛyɛ Nahas ba Hanun adɔe, sɛnea n’agya yɛɛ me adɔe no. Na Dawid somaa abɔfo sɛ wɔnkɔma no hyɛden n’agya nti. Na Dawid nkoa no siim kɔɔ Amonfo asase so kɔɔ Hanun nkyɛn, sɛ wɔnkɔma no hyɛden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 19:2
14 Iomraidhean Croise  

Na Dawid bisaa sɛ: Obi da so wɔ hɔ a waka Saulo fie, na Yonatan nti mɛyɛ no adɔeɛ?


Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na w’agya Yonatan nti mɛyɛ wo adɔeɛ, na mɛdane w’agya Saulo asase nyinaa mama wo, na woadidi me pono so daa daa.


Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bisa no sɛ: Hwɛ, wode ɔhaw yi nyinaa aha wo ho ama yɛn: Ɛdeɛn na yɛnyɛ mma woɔ? Wowɔ asɛm bi a wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene anaa ɔsafohene? Na ɔse: Me deɛ, mete me nkurɔfoɔ mu.


Na yei akyiri no, Amonfoɔ hene Nahas wui, na ne ba bɛdii n’adeɛ.


Ɛnna Amonfoɔ asafohene ka kyerɛɛ Hanun sɛ: Wodwene sɛ, Dawid asoma hyɛdenmafoɔ aba wo hɔ enti ɔredi w’agya ni anaa? Ɛnyɛ asase so mu pɛɛpɛeɛ ne ne butuo ne ne nsra nti na ne nkoa aba wo nkyɛn yi?


Ɛberɛ no ara mu na wɔkenkann Mose nwoma no mu, ɔman no aso mu, na wɔhunuu sɛ wɔatwerɛ sɛ, Amonni ne Moabni mmma Nyankopɔn badwa mu da biara da,


Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.


Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,


Ɛnna ɔhene no kaa sɛ: Anidie bɛn na wɔadi Mordekai, na dibea bɛn na woama no yei ho? Na ɔhene mmeranteɛ a wɔsom no no kaa sɛ: Wɔnyɛɛ hwee mmaa no.


na wɔhunuu emu barima hiani nyansafoɔ bi, na ɔde ne nyansa no gyee kuro no; nso obiara ankae onipa hiani no.


na Yudafoɔ no mu pii aba Marta ne Maria nkyɛn sɛ wɔrebɛgyam wɔn, wɔn nua no nti.


Na Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanin a wɔyɛ ne nnamfo kaa sɛ: Hwɛ, AWURADE atamfoɔ asadeɛ mu akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ mo nie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan