Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 13:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Na wɔyii Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ bi so firii Abinadab fie. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na wɔyii Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ bi so firii Abinadab fie. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforo so de fii Abinadab fi a Usa ne Ahio rekyerɛ kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so de firii Abinadab fie a Usa ne Ahio rekyerɛ ɛkwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na wɔde Onyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforo bi so de fii Abinadab fi. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 13:7
7 Iomraidhean Croise  

Na wɔde Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ so firii Abinadab fie a ɛwɔ kokoɔ soɔ no mu, na Abinadab mma Usa ne Ahio de teaseɛnam foforɔ a Nyankopɔn adaka no si soɔ no kɔe.


Na Ahio di adaka no anim.


Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ.


Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ wɔnsoa Nyankopɔn adaka no, na wɔnsom no daa.


Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.


Na afei monyɛ teaseɛnam foforɔ, na momfa anantwibereɛ mmienu a wɔma nufoɔ a kɔnnua nkɔɔ wɔn so da, na momfa anantwie no nsesa teaseɛnam no, na montete wɔn mma mfiri wɔn ho nkɔ fie;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan