Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 13:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de firii Sihor a ɛwɔ Misraim kɔsii deɛ ɛde rekɔ Hamat, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn adaka no afiri Kiriat-yearim aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de firii Sihor a ɛwɔ Misraim kɔsii deɛ ɛde rekɔ Hamat, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn adaka no afiri Kiriat-yearim aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Enti Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, efi ɔman no ti kosi ti, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi Kiriat-Yearim mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Enti, Dawid frɛɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa, ɛfiri ɔman no tire kɔsi tire, sɛ wɔmmɛka ne ho na wɔmfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfiri Kiriat-Yearim mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de fi Misraim Sihor ara kosii, nea wɔrekɔ Hamat ano, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka no afi Kiriat-yearim aba.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 13:5
16 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sane hyiahyiaa Israel mmarima a wɔayi wɔn nyinaa bio, wɔn ano si mpem aduasa.


Na Salomo dii aman yi so firi Asubɔntene Eufrate ano kɔsi Filistifoɔ asase so ne Misraim hyeɛ so. Wɔde apeatoɔ ba na wɔsomm Salomo ne nkwa nna nyinaa.


Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.


Na Babel hene bobɔɔ wɔn kunkumm wɔn Ribla wɔ Hamat asase so. Saa na wɔtuu Yuda firii wɔn asase soɔ.


Ɛnna badwa no nyinaa kaa sɛ wɔnyɛ saa, ɛfiri sɛ na asɛm no tene ɔman no nyinaa ani so.


Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn, AWURADE a ɔte kerubim soɔ a wɔbɔ ne din frɛ no no, adaka no afiri hɔ aba.


Na Dawid boaa Israel nyinaa ano bɛhyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.


na wɔfaa nsuo bebree so de Sihor nnɔbaeɛ, ne Nil ano ayuo bae, na ɛyɛɛ amanaman adwadie mu mfasoɔ.


Na afei ɛdeɛn na wobɛnya no Misraim korɔ mu, a enti worekɔ akɔnom Nil mu nsuo yi? Anaasɛ ɛdeɛn na wobɛnya no Asiria korɔ mu a enti worekɔ akɔnom Eufrate mu nsuo yi?


Na Israelfoɔ tui, na wɔkɔtoo wɔn nkuro da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na wɔn nkuro ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.


Na wɔsomaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Kiriat-yearimfoɔ nkyɛn sɛ: Filistifoɔ de AWURADE adaka no aba, na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.


Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.


Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛree wɔ hɔ; ɛdii mfirinhyia aduonu. Na Israel fie nyinaa dii abooboo hwehwɛɛ AWURADE akyiri kwan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan