Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 13:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyiri kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyire kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Bere adu sɛ yɛsan de yɛn Nyankopɔn Apam Adaka no ba, efisɛ Saulo ahenni bere so no, yɛampɛ anhwɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛberɛ aduru sɛ yɛsane de yɛn Onyankopɔn Apam Adaka no ba, ɛfiri sɛ, Saulo ahennie ɛberɛ so no, yɛampɛ anhwɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 na yɛnkɔfa yɛn Nyankopɔn adaka no mmra yɛn nkyɛn; na Saul bere so no, yɛammisa akyi kwan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 13:3
11 Iomraidhean Croise  

na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,


Ɛnna badwa no nyinaa kaa sɛ wɔnyɛ saa, ɛfiri sɛ na asɛm no tene ɔman no nyinaa ani so.


Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ.


Hwɛ, yɛkɔtee no Efrata, yɛkɔhunuu no kwaeɛ asase so.


Na Saulo ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Nyankopɔn adaka no bra. Nso ɛda no na Nyankopɔn adaka no wɔ Israelfoɔ no nkyɛn.


Na Saulo kaa sɛ: Momma yɛnsiane nkɔti Filistifoɔ no anadwo yi, na yɛmfom wɔn mfa nkɔduru anɔpa, na yɛannya wɔn mu nipa baako mpo. Na wɔkaa sɛ: Deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ nyinaa yɛ! Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Momma yɛntwe mpini Onyankopɔn wɔ ha.


na ɔbisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduane, na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ no maa no.


Nnɛ na merefiri aseɛ mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Yei mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fie nyinaa so, na w’akoa nnim yeinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛseɛ oo!


Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan