Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfo a wɔahyia hɔ no nyinaa se, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn pɛ a, momma yɛmfa nkra nkɔma Israelfo a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ nkurow so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na ɔkasa kyerɛɛ Israelfoɔ a wɔahyia hɔ no nyinaa sɛ, “Sɛ mopene so na sɛ ɛyɛ Awurade yɛn Onyankopɔn pɛ a, momma yɛnto nkra nkɔma Israelfoɔ a wɔwɔ ɔman no afanan nyinaa a asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔwɔ nkuro so ne adidibea ka ho. Momma yɛnto nsa mfrɛ wɔn, na wɔmmɛka yɛn ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel bagua no nyinaa sɛ: Sɛ eye mo ani so na efi AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛnsoma nkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsaase nyinaa so ne asɔfo ne Lewifo a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkurow mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ho ano mmra yɛn nkyɛn,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 13:2
16 Iomraidhean Croise  

Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛnnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wobua wɔn na woka wɔn asɛmpa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa.


na Ɔhene Yehoram deɛ, na wasane aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, Siriafoɔ piraa no no. Na Yehu kaa sɛ: Sɛ sei ne w’adwene a, ɛnneɛ mommma obiara mmfiri adi nnnwane mmfiri kuro yi mu nnkɔka no wɔ Yesreel.


Na Israelfoɔ a wɔwɔ bonhwa no mu nyinaa hunuu sɛ asraafoɔ no adwaneɛ, na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyigyaa wɔn nkuro hɔ dwanee. Na Filistifoɔ ba bɛtenatenaa mu.


Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,


na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyiri kwan.


Sɛ woyɛ yei sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛ wo yi a, ɛno na wobɛtumi agyina, na ɔman yi nyinaa nso bɛkɔ wɔn tenabea dwoodwoo.


Wɔkwati agyinakorɔ a, tirimbɔ yɛ ɔkwa, na agyinatufoɔ pii mu na ɛbɛgyina.


Ebia AWURADE wo Nyankopɔn bɛte Rabsake no a ne wura Asiriahene asoma no sɛ ɔmmɛsopa Onyankopɔn teasefoɔ no nsɛm no, na nsɛm a AWURADE wo Nyankopɔn ateɛ no nti, watwe n’aso; enti ma wo mpaebɔ so ma nkaeɛ a wɔwɔ hɔ no.


Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan