Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 13:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na AWURADE bo fuu Usa, na ɔkumm no, sɛ ɔtenee ne nsa kaa adaka no nti, na ɔwuu Nyankopɔn anim hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na AWURADE bo fuu Usa, na ɔkumm no, sɛ ɔtenee ne nsa kaa adaka no nti, na ɔwuu Nyankopɔn anim hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛhɔ na Awurade abufuw sɔre tiaa Usa ma owui, efisɛ ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Ɛhɔ na Awurade abufuo sɔre tiaa Usa maa ɔwuiɛ ɛfiri sɛ, ɔde ne nsa aka Apam Adaka no. Enti Usa wuu wɔ Onyankopɔn anim hɔ ara.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na AWURADE bo fuw Usa, na okum no, sɛ ɔteɛɛ ne nsa kaa adaka no nti, na owui Onyankopɔn anim hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 13:10
10 Iomraidhean Croise  

Na Dawid ampɛ sɛ AWURADE abufuo aba Usa soɔ, na ɔfrɛɛ hɔ sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ.


Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ.


Na Lewifoɔ mma no soaa Nyankopɔn adaka no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho.


Na ogya firi AWURADE nkyɛn bɛhyee mmarima ahanu aduonum a wɔde aduhwam no baeɛ no.


Na nsraban no rebɛtu na Aaron ne ne mma no wie akronkronneɛ no ne kronkronbea nnoɔma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma nhyɛne mu nkɔma soɔ, na wɔanka akronkronneɛ no amma wɔanwuwu. Yei ne Kohat mma no adwuma ahyiaeɛ ntomadan no mu.


Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfoɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfoɔ baason nkurakura osebɔ ntotorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.


Na ɔkumm Bet-semesfoɔ no mu bi sɛ wɔahwɛ AWURADE adaka no mu, na ɔkumm ɔman no mu nnipa aduɔson ne nnipa mpem aduonum. Na ɔman no dii abooboo sɛ AWURADE de ekum kɛseɛ akum ɔman no mu nnipa bie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan