Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 11:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pam AWURADE anim wɔ Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Samuel so kaeɛ no teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofo yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛnea Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim wɔ Hebron. Wɔsraa no ngo, sii no Israelhene sɛdeɛ Awurade nam Samuel so hyɛɛ ho bɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Israel mpanyin nyinaa baa ɔhene no nkyɛn Hebron, na Dawid ne wɔn pamee AWURADE anim Hebron, na wɔsraa Dawid ngo sii no Israel so hene, sɛnea AWURADE nam Samuel so kae no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 11:3
15 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yuda mmarima ba bɛsraa Dawid ngo sii no Yuda fie so hene wɔ hɔ. Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Yabes-gileadfoɔ na wɔsiee Saulo.


Na Israel mpanimfoɔ nyinaa baa ɔhene nkyɛn Hebron, na Ɔhene Dawid ne wɔn pamee wɔ Hebron, AWURADE anim, na wɔsraa Dawid ngo de no sii Israel so hene.


Ɔdii Yuda so hene wɔ Hebron mfeɛ nson ne abosome nsia, na ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so hene mfeɛ aduasa mmiɛnsa wɔ Yerusalem.


Na Yehoiada de apam too AWURADE ne ɔhene ne ɔman no ntam, sɛ wɔnyɛ AWURADE man; na ɔde too ɔhene ne ɔman no nso ntam.


Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu firi Megido de no baa Yerusalem, na wɔsiee no ne da mu. Na asase no sofoɔ no faa Yosia ba Yehoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu.


Na yeinom ne nnɔmmarima a na Dawid wɔ no mu atitire a wɔhyɛɛ wɔn ho den kaa ne ho n’ahennie mu, sɛ wɔne Israel nyinaa bɛsi no hene, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔkaa no Israel ho no teɛ.


Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no.


Ɛnna Yefta ne Gilead mpanimfoɔ no sii mu baeɛ, na ɔman no de no sii wɔn ti ne ɔsafohene. Na Yefta kɔkaa ne nsɛm nyinaa AWURADE anim wɔ Mispa.


Na ɔman no nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔkɔsii Saulo hene AWURADE anim wɔ Gilgal; na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ AWURADE anim wɔ hɔ. Na Saulo ne Israel mmarima nyinaa ani gyee hɔ sɛ biribi.


Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me.


Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie.


Na AWURADE ayɛ sɛdeɛ ɔnam me so kaeɛ no, na AWURADE ahwam wo nsam ahennie no de akɔma wo yɔnko Dawid.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan