Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 11:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo ara na wobɛdi me man Israel so bapɔmma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na kane a na Saulo di hene no, wo ara na wode Israel firii adie na wode wɔn baa mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo ara na wobɛdi me man Israel so bapɔmma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Mmere tenten bi a atwa mu, mpo bere a Saulo di yɛn so hene no, na wone obi a nokware na wudi Israel anim. Na Awurade, wo Nyankopɔn, aka kyerɛ wo se, ‘Wobɛyɛ oguanhwɛfo ama me nkurɔfo Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifo!’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Mmerɛ tenten bi a atwam, mpo ɛberɛ a Saulo di yɛn so ɔhene no, na wone obi a nokorɛm na wodi Israel anim. Na Awurade, wo Onyankopɔn, aka kyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ odwanhwɛfoɔ ama me nkurɔfoɔ Israel. Wobɛyɛ wɔn sodifoɔ.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na kan a Saul di hene no, wo ara na wode Israel fi adi na wode wɔn ba mu. Na AWURADE wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛn me man Israel, na wo ara na wubedi me man Israel so bapɔmma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 11:2
16 Iomraidhean Croise  

Nso akane no a na Saulo di yɛn so hene no, wone deɛ na ɔde Israel firi adie na ɔde wɔn ba mu; na AWURADE aka akyerɛ wo sɛ: Wo na wobɛyɛne me man Israel, na wo na wobɛdi Israel so hene.


Baabiara a me ne me man Israelfoɔ nyinaa anante akɔ no, me ne atemmufoɔ a mayi wɔn sɛ wɔnhwɛ Israel so no bi akasa sɛ adɛn nti na moansi ntweneduro dan amma me anaa?


Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ memaa wo so wo man no mu, na mesii wo me man Israel so panin,


Enti ma w’akoa nteaseɛ adwene na memfa memmu wo man atɛn, na menhunu papa ne bɔne mu, na hwan na ɔbɛtumi abu wo man kɛseɛ yi atɛn?


Ɔmaa no firii nnwammereɛ a wɔma nufoɔ akyiridie bae, sɛ ɔmmɛyɛne ne man Yakob ne n’agyapadeɛ Israel.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Hwɛ, mede no mayɛ aman danseni, aman safohene ne mmarahyɛni.


Na mɛma mo ahwɛfoɔ sɛdeɛ m’akoma pɛ, na wɔde nhunumu ne nimdeɛ ayɛne mo.


Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata, wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu, wo mu ara na obi bɛba ama me, na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no; na n’ase firi tete nteredee, firi daa a ɛnni ase nna mu.


Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn, AWURADE ahoɔden mu, AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu, na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.


a ɔbɛdi wɔn anim afiri adie na ɔbɛdi wɔn anim aba mu, deɛ ɔde wɔn bɛfiri adie na ɔde wɔn aba mu, na AWURADE asafo no anyɛ sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ.


Na wo Betlehem, Yuda asase, wonyɛ Yuda asafohene mu akumaa, ɛfiri sɛ wo mu na ɔsafohene a ɔbɛhwɛ me man Israel so no bɛfiri aba.


Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.


Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Enti Saulo yii no firii ne ho, na ɔsii no apem so safohene, na ɔdii ahyɛmfire, ɔman no anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan