Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Berɛsosɛm 10:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saulo fi apinisi mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa, fa wɔ me kum me na Filistifo abosonsomfo yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso na nʼakodekurafo no suro nti, wanyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ara nʼafoa, de kum ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saulo firi apenesie mu ka kyerɛɛ nʼakodeɛkurafoɔ no sɛ, “Twe wʼakofena, na fa wɔ me kum me na Filistifoɔ abosonsomfoɔ yi ammɛto me, angu mʼanim ase.” Nanso, na nʼakodeɛkurafoɔ no suro enti, wanyɛ saa. Enti, Saulo twee ɔno ara nʼakofena, de kumm ne ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante na fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛbɔ me anyampa. Na n’akodekurafo no ampene, na osuroe pii. Enti Saul faa ne nkrante na ɔhwee so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Berɛsosɛm 10:4
19 Iomraidhean Croise  

Monnka no Gat, mommmɔ kaseɛ Askelon mmɔntene so, na Filistifoɔ mmammaa ani annye, na momonotofoɔ mmammaa anni ahurisie.


Na aberanteɛ a ɔbɛbɔɔ amanneɛ no kaa sɛ: Mekɔfirii Gilboa Bepɔ so, na hwɛ, na Saulo twere ne pea so, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefoɔ atu repamo ho.


Na Ahitofel hunuu sɛ wɔanni n’afotuo soɔ no, ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔsɔre kɔɔ ne fie, wɔ ne kurom. Na ɔtotoo ne fie wieeɛ no, ɔkɔsɛnee ne mene wuiɛ, na wɔsiee no n’agya da mu.


Na Simri hunuu sɛ wɔagye kuro no no, ɔkɔɔ ahemfie aban mu, na ɔde ogya hyee ahemfie no ne ne ho, na ɔwui


Na ɔko no den Saulo so, na agyantofoɔ bɛtoo no, na agyantofoɔ no too agyan wɔɔ no.


Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so na ɔtɔe.


(Saa Yuda yi na ɔde n’amumuyɛ akatua nyaa asase, na ne nkɔnkɔ bɛwɔɔ hɔ no, ne mu paee, na ne yam adeɛ nyinaa tu gui;


Na ofiasehwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase apono no abuebue no, ɔtwee ne nkrantɛ sɛ anka ɔrebɛdi ne ho awu, ɛfiri sɛ ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no adwane.


Na sukɔm de no sɛ, na ɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Wo na wode gyeɛ kɛseɛ yi ahyɛ w’akoa nsa, na afei sukɔm reku me, na mahwe momonotofoɔ nsam.


Na Filistifoɔ no kyeree no tutuu n’ani, na wɔde no kɔɔ Gasa, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na ɔyam ayuo apokyerɛfoɔ fie.


Ɛnna ɔfrɛɛ n’akoa a ɔso n’akodeɛ ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrantɛ ku me, na wɔanka no me ho sɛ ɔbaa na ɔkumm no. Na n’abɔfra no wɔɔ no maa no tɔree.


Na Yonatan ka kyerɛɛ aberanteɛ a ɔkura n’akodeɛ no sɛ: Bra ma yɛntwam nkɔ momonotofoɔ bansifoɔ yi ho, ebia AWURADE bɛdi ama yɛn, na biribiara nsi AWURADE kwan sɛ ɔde ade bebree anaa ketewa bɛgye nkwa.


Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?


W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.


Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan