Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:9 - Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Wohunuu amane ne awerɛhoɔ a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su firi Ɛpo Kɔkɔɔ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Wuhuu amane ne awerɛhow a yɛn agyanom kɔɔ mu wɔ Misraim, na wotee wɔn su fi Po Kɔkɔɔ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wohuu yɛn agyanom amanehunu Misraim, na wutiee wɔn sufrɛ Mmɛw-Po ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:9
8 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ a Israelfoɔ hunuu tumi a Awurade ada no adie de atia Misraimfoɔ no, wɔsuroo Awurade, na wɔgyee Awurade ne nʼakoa Mose diiɛ.


Onyankopɔn hwɛ hunuu sɛ ɛberɛ aduru sɛ ɔgye wɔn.


Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ nyinaa hyia na ka hunu a wohunuu Awurade wɔ wira a na ɛredɛre mu no kyerɛ wɔn. Afei, ka asɛm a meka kyerɛɛ wo sɛ, ‘Makɔsra me nkurɔfoɔ na mahunu deɛ aba wɔn so wɔ Misraim no kyerɛ wɔn.


Saa ɛda no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so, asase nyinaa mu deɛ ɛyɛ papa paa.


Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apinie a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’


Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wɔbɛfiri saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan