Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “Woyɛ Awurade Onyankopɔn a woyii Abram firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, sane too no edin Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na woyii no firii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “Woyɛ Awurade Nyankopɔn a wuyii Abram fii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so, san too no din Abraham.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na woyii no firii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Wone AWURADE, Onyankopɔn a wofaa Abram na wuyii no fii Ur a ɛwɔ Kaldea, na wotoo no din Abraham no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:7
11 Iomraidhean Croise  

Tera faa ne babarima Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran babarima ne nʼase baa Sarai, a na ɔyɛ ne babarima Abram yere no, ne wɔn nyinaa siim firii Ur a ɛwɔ Kaldea asase so sɛ, wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ.


Awurade Onyankopɔn kyerɛɛ Abram bio sɛ, “Mene Awurade a mede wo firi Ur a ɛwɔ Kaldeafoɔ asase so baeɛ sɛ mede saa asase yi rema wo sɛ wʼagyapadeɛ.”


Wɔremfrɛ wo Abram bio. Wɔbɛfrɛ wo Abraham, ɛfiri sɛ, mayɛ wo aman bebree agya.


Ɛfiri sɛ, mapa Abraham sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ ne mma ne ne fiefoɔ Awurade kwan. Na wɔayɛ ade pa ne ade tenenee a ɛsɔ Awurade ani. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no bɛba mu.”


ne Abram a akyire yi, wɔfrɛɛ no Abraham no.


Monhwɛ Abraham mo agya, ne Sara a ɔwoo mo no. Ɛberɛ a mefrɛɛ no no, na ɔyɛ ɔbaakofoɔ, na mehyiraa no maa nʼase trɛeɛ.


Nanso, Awurade yii mo agyanom sɛ ne dɔ nhwɛsodeɛ. Na ɔyii mo a moyɛ wɔn asefoɔ gyaa ɔman biara sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan