Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Lewifo ntuanofo a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teɛɛ mu frɛɛ ɔmanfo no se, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so se, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sen sɛnea yebetumi adwene anaa yɛbɛka.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Lewifoɔ no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabneia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kaa sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfiri daa nkɔsi daa; na wɔnhyira w’animuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyie nyinaa soɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Lewifo no, Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia kae sɛ: Monsɔre nhyira AWURADE mo Nyankopɔn mfi daa nkosi daa, na wonhyira w’anuonyam din a woama so atra nhyira ne ayeyi nyinaa so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:5
36 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ,


“Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so.


Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaa ne nsa kyerɛɛ soro wɔ Awurade afɔrebukyia no anim wɔ Israelfoɔ no nyinaa anim.


“Na ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so? Mpo, sɛ ɔsorosoro sua ma wo a, ɛdeɛn na yɛbɛka afa Asɔredan a masi yi ho!


Ayɛyie nka Awurade, Israel Onyankopɔn, ɛmfiri mmerɛsanten nkɔsi nnasanten. Na nnipa no nyinaa gyee so sɛ, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.


Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam, nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade. Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea, Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo. Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.


Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase, na yɛkamfo wo din kronkron no.


Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Monkamfo Awurade, mo Onyankopɔn!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, na wɔkoto buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.


Ɛberɛ a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkɔkoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina Awurade anim no,


Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyinaeɛ teaam denden sɔree Awurade, Israel Onyankopɔn.


Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa Awurade sɛ: “Ɔyɛ, Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, Awurade asɔredan fapem no, wɔato.


Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.


Wo nko ara ne Awurade. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne ɔsoro mu ɔsoro ne nsoromma nyinaa. Wo na wobɔɔ asase ne deɛ ɛwɔ so nyinaa ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa. Wo na wokora biribiara so ma no nkwa, na ɔsoro abɔfoɔ nyinaa som wo.


kaa sɛ, “Adagya na mede mefiri me maame yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. Awurade de maeɛ, na Awurade afa; nhyira nka Awurade din!”


Hwan na ɔbɛtumi aka nneɛma akɛseɛ a Awurade ayɛ? Anaasɛ ɔbɛtumi aka ne nkamfo awie?


Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade, mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa.


Ɛda biara, mɛkamfo wo; na mama wo din so daa daa.


Wɔbɛka wʼanimuonyam ne wo tumi a ɛhran no ho asɛm, na mɛdwene wʼanwanwadwuma ho.


Mɛkamfo Awurade me nkwa nna nyinaa; mɛto ayɛyi dwom ama me Onyankopɔn, sɛ mete ase yi.


Meka kyerɛɛ Awurade sɛ, “MʼAwurade ne wo; menni adepa biara ka wo ho.”


Monto ne din animuonyamhyɛ ho dwom; momma nʼayɛyie nyɛ animuonyamhyɛ!


Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. Ɔyɛ kronkron.


Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ wo? Ɔberempɔn wɔ kronkronyɛ mu; deɛ yɛde surokronkron ma nʼanimuonyam, na ɔyɛ anwanwadeɛyɛfoɔ Onyankopɔn.


Wo nsa nifa, Ao, Awurade, tumi ne animuonyam ahyɛ no ma. Wo nsa nifa, Ao, Awurade, atete atamfoɔ mu pasaa.


na ɔkaa sɛ, “Nkamfoɔ nka Onyankopɔn din daa nyinaa, ɔno nko na ɔwɔ nyansa ne tumi.


Asɛnka no akyi, Yesu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Agya, ɔsoro ne asasewura, meda wo ase sɛ woanna nokorɛ no adi ankyerɛ wɔn a wɔsusu sɛ wɔyɛ anyansafoɔ, na mmom, wodaa nokorɛ no adi kyerɛɛ mmɔfra nkumaa.


Onyankopɔn a ɔkaa sɛ, “Hann mfiri esum mu nhyerɛn no” ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn akoma mu, ama yɛanya Onyankopɔn animuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu.


Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani Awurade mo Onyankopɔn no din a,


Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔborɔ dodoɔ enti, ɔnam nyane a ɔnyanee Yesu Kristo firii owuo mu no so ama yɛn nkwa foforɔ. Yei ma yɛnya anidasoɔ a atim,


Awurade ɔbɔfoɔ no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa me din? Sɛ mebɔ me din kyerɛ wo a, worente aseɛ.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan