Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na Lewifo no bi gyina atrapoe so reteɛ mu frɛ Awurade, wɔn Nyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifoɔ simpie no so, na wɔde nne kɛseɛ teaa mu frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Yesua ne Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani sɔre gyinagyinaa Lewifo sumpii no so, na wɔde nne kɛse teɛɛm frɛɛ AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:4
13 Iomraidhean Croise  

Na Lewifoɔ a wɔfiri Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyinaeɛ teaam denden sɔree Awurade, Israel Onyankopɔn.


Lewifoɔ a wɔne wɔn sanee wɔn akyi no nie: Yesua, Binui Kadmiel, Serebia, Yuda, Matania a na ɔne ne mfɛfoɔ na na wɔhwɛ aseda nnwom so no.


Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so.


Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.


Afei, Lewifoɔ ntuanofoɔ a wɔne Yesua, Kadmiel, Bani, Hasabnia, Serebia, Hodia, Sebania ne Petahia teaam frɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monsɔre nkamfo Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɔte hɔ afebɔɔ!” Wɔtoaa so sɛ, “Monkamfo ne din kronkron no. Ɛso sene sɛdeɛ yɛbɛtumi adwene anaa deɛ yɛbɛka.


Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;


Meteam su frɛ Awurade, na ɔgye me so firi ne bepɔ kronkron no so.


Mesu mefrɛɛ Onyankopɔn srɛɛ mmoa; mesu mefrɛɛ no sɛ ɔntie me.


Mpo sɛ mefrɛ anaasɛ mebɔ mpaeɛ srɛ mmoa a ɔsi me mpaeɛbɔ ano.


Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden sɛ, “Lasaro, sɔre bra!”


Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan