Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 9:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) ɛda a ɛtɔ so aduasa baako no, ɔmanfoɔ no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, firaa ayitoma, tuu mfuturo petee wɔn tirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so aduasa baako no, ɔmanfo no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, furaa atweaatam, tuu mfutuma petee wɔn tirim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na bosome yi da a ɛtɔ so aduonu nnan no, Israelfoɔ no boaa wɔn ano hyiaa mmuadadie ne ayitoma mu, na wɔatwitwa ntwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 9:1
22 Iomraidhean Croise  

Ne nnansa so no, ɔbarima bi firi Saulo sraban mu a watete ne ntadeɛ mu, atu mfuturo agu ne tiri mu, de rekyerɛ sɛ ɔretwa adwo baeɛ. Ɔduruu Dawid nkyɛn no, ɔdanee ne ho hwee fam anidie mu.


Yehosafat tee saa asɛm yi, ne ho yeraa no enti, ɔbisaa Awurade akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada.


Afahyɛ no awieeɛ no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyeeɛ, ɛfiri sɛ, na Awurade ne Dawid, Salomo ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ adi no yie.


Na Ahawa Nsuka no so, mehyɛɛ sɛ yɛnni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛma yɛakɔduru dwoodwoo, na wabɔ yɛn, yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebɛtu kwan no ho ban.


Enti, yɛdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu, sɛ yɛn Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn, na ɔtiee yɛn mpaeɛbɔ.


Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim.


“Kɔ na kɔboaboa Yudafoɔ a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwom sɛ, ɛtia mmara deɛ, nanso, mɛkɔ akɔhunu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mɛwu koraa a, mɛwu.”


Na ɛberɛ a ɔhene no mmara no duruu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwoɔ wɔ Yudafoɔ no mu. Wɔdii mmuada, suiɛ, twaa agyaadwoɔ a wɔn mu bebree hyehyɛ ayitadeɛ de nsõ ahura wɔn ho.


Wɔhunuu Hiob firii akyiri no, wɔanhunu sɛ ɛyɛ ɔno; wɔhyɛɛ aseɛ twaa agyaadwoɔ, sunsuanee wɔn ntadeɛ mu, tuu mfuturo guu wɔn tiri so.


Awurade, Asafo Awurade, frɛɛ wo saa da no sɛ su na twa adwo, ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma.


“Na afei,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “Sane fa wʼakoma nyinaa bra me nkyɛn, wɔ akɔnkyene, esu ne awerɛhoɔ mu.”


“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ, ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no, wɔnhyɛ Awurade Asese Afahyɛ no ase, na mode nnanson na ɛbɛdi.


“ ‘Enti ɛfiri bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɔtɔ so dunum no a moatwa asase no so nnɔbaeɛ no, momfa nnanson nni afahyɛ mma Awurade. Ɛda a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so nnwɔtwe yɛ ahomegyeɛ nna.


Yosua ne ɔman ntuanofoɔ de abasamutuo tetee wɔn ntadeɛ mu, too mfuturo guu wɔn tirim, bɔɔ wɔn mu ase, wɔ Awurade Adaka no anim kɔsii anwummerɛ.


Mɛsoma mʼadansefoɔ baanu a wɔfirafira ayitoma, na wɔaka Onyankopɔn asɛm saa nna apem ahanu ne aduosia no mu.”


Ɛnna Israelfoɔ no kɔɔ Bet-El kɔsuu wɔ Awurade anim kyenee kɔm kɔsii anwummerɛ. Wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ maa Awurade.


Ɛda no ara, ɔbarima bi firi Benyamin abusuakuo mu dwane firii akono hɔ bɛduruu Silo. Na watete ne ntadeɛ mu, de mfuturo ahura ne tiri mu, de kyerɛ nʼawerɛhoɔ.


Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan