Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Lewifoɔ a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyinagyina hɔ no deɛ wɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, Lewifo a wɔn din de Yesua, Bani, Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan ne Pelaia kyerɛɛ ɔmanfo a wogyinagyina hɔ no nea wɔnyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifoɔ no maa ɔman no hunuu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinaeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Yesua ne Bani ne Serebia, Yamin, Akub, Sabetai, Hodia, Maaseia, Kelita, Asaria, Yosabad, Hanan, Pelaia ne Lewifo no maa ɔman no huu mmara no mu. Na ɔman no gyinagyinaa wɔn agyinae.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:7
27 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ,


Hesekia hyɛɛ Lewifoɔ no nkuran wɔ ɛkwan pa a wɔfa so som Awurade no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na ɔmanfoɔ kaa wɔn bɔne kyerɛɛ Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn.


Ɔhyɛɛ Lewifoɔ a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom Awurade, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfoɔ wɔ Israel no sɛ, “Esiane sɛ seesei Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa no mo mmati so de adi akɔneaba enti, momfa mo mmerɛ nsom Awurade, mo Onyankopɔn ne ne nkurɔfoɔ Israel.


Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni.


Seraia, Asaria, Yeremia,


ne Sabetai ne Yosabad a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mfikyire dwumadie so;


Aponoanohwɛfoɔ no nie: Akub, Talmon ne wɔn mfɛfoɔ ɔha aduɔson mmienu (172) a na wɔwɛn wɔ apono no ano.


na Asaria, Ɛsra, Mesulam,


Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so.


Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Yesua babarima Eser a ɔtua Mispa ano no. Wɔsiesiee ɔfasuo no fa bi a ɛne akodeɛ akoradan fapem di nhwɛanimu no.


Wɔn akyi no, Benyamin ne Hasub ne Asaria a ɔyɛ Maaseia babarima a na ɔyɛ Anania nana nso siesiee ɔfasuo no afaafa a ɛbemmɛn wɔn ankasa afie.


Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ.


Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.


Na Ɛsra kamfoo Awurade, Otumfoɔ Onyankopɔn, na ɔmanfoɔ no bɔ gyee so sɛ, “Amen! Amen!” wɔ ɛberɛ a wɔmemaa wɔn nsa so kyerɛɛ ɔsoro. Afei, wɔkotokotoeɛ, somm Awurade a wɔn anim butubutu fam.


Wɔkenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu kyerɛɛ wɔn deɛ wɔkenkan no ase, boaa ɔmanfoɔ no ma wɔtee twerɛpɛn biara ase.


Wɔkenkan Awurade, wɔn Onyankopɔn, mmara nwoma no den bɛyɛ sɛ nnɔnhwere mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn. Afei, wɔde nnɔnhwere mmiɛnsa bio kekaa wɔn bɔne nnidisoɔ nnidisoɔ wɔ ɛberɛ a na wɔresom Awurade, wɔn Onyankopɔn.


Na Lewifoɔ no bi gyina ntrapoe so reteam frɛ Awurade, wɔn Onyankopɔn. Saa nnipa no ne Yesua, Bani, Kadmiel, Sebania, Buni, Serebia, Bani ne Kenani.


na kyerɛ wɔn mmara a Awurade nam Mose so de ama no nyinaa.”


“Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafoɔ.


Afei, ma wɔnkyerɛ Yakob wo mmara no. Ma wɔmfa wo nkyerɛkyerɛ no mma Israelfoɔ. Wɔde aduhwam bɛba wʼanim Abɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan