3 Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no.
3 Na ɔkenkanee wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono anim no so firi anɔpa kɔsii awigyina, mmarima ne mmaa ne wɔn a wɔbɛtumi ate aseɛ no anim. Na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nwoma no mu nsɛm no.
3 Ɔde nʼani kyerɛɛ aguabɔbea wɔ Asuten Pon no ano, fi anɔpahema kosii owigyinae kenkan mmara no den, maa obiara a ɔte ase no tee. Ɔmanfo no nyinaa wɛn wɔn aso tiee mmara no.
3 Na ɔkenkanee wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono anim no so firi anɔpa kɔsii awigyina, mmarima ne mmaa ne wɔn a wɔbɛtumi ate aseɛ no anim. Na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nwoma no mu nsɛm no.
3 Na ɔkenkanee wɔ mprae a ɛwɔ nsu pon anim no so fi anɔpa kosii owigyinae, mmarima ne mmea ne wɔn a wobetumi ate ase no anim; na ɔman no nyinaa yɛɛ aso tiee mmara nhoma no mu nsɛm no.
wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.
Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase.
ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no.
Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu wɔ afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no.
Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni no gyinaa apa tenten bi a wɔsi maa saa da no so. Nnipa a na wɔgyinagyina ne nifa so no no din de Matitia, Sema, Anaia, Uria, Hilkia ne Maaseia. Wɔn a na wɔgyinagyina ne benkum so no no din de Pedaia, Misael, Malkia, Hasum, Hasbadana, Sakaria ne Mesulam.
Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”
Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu.
Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ.
Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa.
Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Esiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom.
Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene.
Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Ɛberɛ a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, motieeɛ, gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a ɛfiri onipa nkyɛn, na mmom, ampa ara sɛ, ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no, Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu.