Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Enti, bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔsɔfoɔ Ɛsra de krataa mmobɔeɛ a mmara no wɔ mu no baa badwa no a mmarima ne mmaa ne mmɔfra a wɔanyini te asɛm ase no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Enti ɔsram Tisri (bɛyɛ Ahinime) da a ɛto so awotwe no, ɔsɔfo Ɛsra de krataa mmobɔwee a mmara no wɔ mu no baa bagua a mmarima ne mmea ne wɔn a wotumi te asɛm ase no nyinaa no anim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na Ɔsɔfoɔ Esra de mmara no baa badwa a mmarima ne mmaa ne obiara a ɔbɛtumi atie ate aseɛ no wɔ mu no anim, bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔsɔfo Esra de mmara no baa bagua a mmarima ne mmea ne obiara a obetumi atie ate ase no wɔ mu no anim, ɔsram a ɛto so ason no da a edi kan.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:2
14 Iomraidhean Croise  

wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.


Ɛda no ara, ɛberɛ a wɔgu so rekenkan Mose Nwoma no, ɔmanfoɔ no hunuu asɛm bi a ɛka sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔma Amonni anaa Moabni kwan ma ɔkɔ Onyankopɔn adwabɔ ase.


Ɛsra kenkan firii Onyankopɔn mmara nwoma no mu wɔ afahyɛ no mu nnanson no mu da biara. Afei, Tisri bosome (bɛyɛ Ahinime) da a ɛtɔ so dunum no, wɔyɛɛ nhyiamu anibereɛ so, sɛdeɛ Mose mmara hwehwɛ no.


Na amrado Nehemia, ɔsɔfoɔ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni ne Lewifoɔ a na wɔrekyerɛkyerɛ aseɛ akyerɛ ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsu ɛda a ɛte sɛ yei! Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.” Nnipa no tee mmara no mu nsɛm no, wɔn nyinaa suiɛ.


Bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) ɛda a ɛtɔ so aduasa baako no, ɔmanfoɔ no boaa wɔn ho ano, dii mmuada, firaa ayitoma, tuu mfuturo petee wɔn tirim.


Wɔka sɛ, “Deɛn na Awurade dwene fa yɛn ho? Ɔdwen sɛ yɛyɛ mmɔfra anaa? Mmɔfra a wɔatwa wɔn nufoɔ anaa?


“Ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ sɛ mohome ɛda no, na moyɛ nhyiamu kronkron na mohyɛn totorobɛnto dendeenden de kae.


“Ɛsɛ sɛ ɔsɔfoɔ ano kora nimdeɛ. Nnipa hwehwɛ nkyerɛkyerɛ firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔyɛ Asafo Awurade no somafoɔ.


“ ‘Bosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛdi ɛkan wɔ afe biara mu no, monhyɛ totorobɛnto afahyɛ no. Nnipa no nyinaa de kommyɛ bɛhyia na obiara renyɛ adwuma biara.


Ɛfiri tete, Homeda biara, wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu, na wɔka ɛho nsɛm nso wɔ kuro biara mu.”


Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa.


Asɛm biara a Mose ahyɛ no, Yosua kenkan kyerɛɛ ɔman mu no a mmaa, mmɔfra ne ahɔhoɔ a wɔne Israelfoɔ no teɛ no nso ka ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan