Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na nnipa no kɔdidiiɛ, kyɛɛ nnuane, nomeeɛ, dii dapɔnna no anigyeɛ so, ɛfiri sɛ, wɔtee Onyankopɔn nsɛm, tee aseɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na nnipa no kodidii, kyɛɛ nnuan, nomee, dii dapɔnna no anigye so, efisɛ wɔtee Onyankopɔn nsɛm no, tee ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔ kɔdidiiɛ na wɔnomeeɛ, na wɔde bi kyekyɛe, na wɔnyaa anigyeɛ kɛseɛ pa ara, ɛfiri sɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna ɔman no nyinaa kɔe kodidii na wɔnomee, na wɔde bi kyekyɛe, na wonyaa anigye kɛse pa ara, efisɛ wɔtee nsɛm a wɔka kyerɛɛ wɔn no ase.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:12
25 Iomraidhean Croise  

Wɔde ahosɛpɛ didi nomee da no wɔ Awurade anim. Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn ɔsɔfoɔ.


Na Nehemia toaa so sɛ, “Momfa nnuane pa ne anonneɛ a ɛyɛ dɛ nkɔdi afahyɛ no na mo ne wɔn a wɔnni nnuane pa a wɔanoa no nnidi. Ɛnnɛ yɛ da kronkron wɔ Awurade anim. Monnni abooboo ne awerɛhoɔ, na Awurade mu anigyeɛ no yɛ ahoɔden.”


Na Lewifoɔ no nso kasaa sɛ, “Hwɛ! Monnsu. Ɛfiri sɛ, ɛnnɛ yɛ ɛda kronkron” de dwodwoo wɔn.


Na bosome Tisri (bɛyɛ Ahinime) a ɛtɔ so nkron no, mmusua ntuanofoɔ no ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ne Ɛsra hyiaeɛ sɛ, wɔrekɔ mmara no mu fekɔfekɔ.


Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidie ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafoɔ akyɛdeɛ. Yei bɛma Yudafoɔ no akae ɛberɛ a wɔnyaa ɔgyeɛ firii wɔn atamfoɔ nsam, wɔn awerɛhoɔ danee anigyeɛ, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛ no.


Mentwee me ho mfirii mmaransɛm a ɛfiri nʼanom ho, mama asɛm a ɛfiri nʼanom ho ahia me asene me daa aduane.


Wʼahyɛdeɛ yɛ mʼagyapadeɛ afebɔɔ; ɛma mʼakoma ani gye.


Esiane sɛ medɔ wo mmaransɛm sene sikakɔkɔɔ, anaa sikakɔkɔɔ amapa,


Wo nsɛm ase teɛ ma hann; na ɛma ntetekwaa nya nteaseɛ.


Mʼani gye sɛ medi wʼahyɛdeɛ so te sɛdeɛ obi anigye ahonya bebree ho no.


Mʼani gye wo ɔhyɛ nsɛm ho; na merentoto wʼasɛm ase.


Ma nkamfo nhyɛ mʼanom ma; ɛfiri sɛ wokyerɛkyerɛ me wo ɔhyɛ nsɛm.


Ao Awurade, mʼani agyina wo nkwagyeɛ, na wo mmara yɛ mʼanigyedeɛ.


Mmara a ɛfiri wʼanomu no som bo ma me sene dwetɛ ne sikakɔkɔɔ mpempem.


Ao medɔ wo mmara no! Medwendwene ho ɛda mu nyinaa.


Wo nsɛm baeɛ no, mediiɛ; ɛyɛɛ mʼahosɛpɛ ne mʼakoma apɛdeɛ, na wo din da me so, Ao, Asafo Awurade Onyankopɔn.


Na afei, wɔsesee wɔn ho wɔn ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no mu nsɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn ɛberɛ a na wɔnam ɛkwan so no si fa kaa wɔn akoma no.


Menim sɛ ade pa biara nte me mu, me bɔne nipasu yi mu. Ɛfiri sɛ, mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ, nanso mentumi nyɛ.


Asase so nnipa ani bɛgye sɛ saa nnipa baanu no awuwu. Wɔbɛgye wɔn ani na wɔakyɛ wɔn ho akyɛdeɛ ɛfiri sɛ, saa adiyifoɔ baanu no na wɔde ɔhaw bɛtoo asase sofoɔ so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan