Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 8:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfoɔ no nyinaa hyiaa wɔ wɔn nsuseneeɛ ɛpono no ano. Ɔmanfoɔ no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛni sɛ ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfoɔ nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 ɔmanfo no nyinaa hyiaa wɔ wɔn Asuten Pon no ano. Ɔmanfo no ka kyerɛɛ Ɛsra a ɔyɛ mmara no kyerɛkyerɛfo no se ɔnkenkan Mose mmara a Awurade ahyɛ sɛ Israelfo nni so no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na bosome a ɛtɔ so nson no duruiɛ, na Israelfoɔ no wowɔ wɔn nkuro mu no. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano, hyiaa sɛ onipa baako wɔ mpraeɛ a ɛwɔ nsuo pono no anim no so, na wɔka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Esra sɛ ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nwoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsram a ɛto so ason no dui, na Israelfo no wowɔ wɔn nkurow mu no, ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ho ano hyiae sɛ onipa biako kɔɔ mprae a ɛwɔ nsu pon no anim no so, na wɔka kyerɛɛ ɔkyerɛwfo Esra sɛ, ɔmfa Mose mmara a AWURADE hyɛɛ Israel no nhoma mmra.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 8:1
25 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ a ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee Apam Nwoma a wɔahunu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.


Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asɛnnie twerɛfoɔ no sɛ, “Mahunu mmara nwoma no wɔ Awurade Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nwoma mmobɔeɛ no maa Safan.


Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ, nnipa no nyinaa, firi ɔkɛseɛ so kɔsi akumaa so, kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee apam nwoma a wɔhunuu no Awurade Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn.


Persiahene Artasasta ahennie mu mfeɛ bebree akyi no, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Ɛsra. Na ɔyɛ Seraia babarima a ɔyɛ Asaria babarima, na ɔno nso yɛ Hilkia babarima


Ɛfiri sɛ, na Ɛsra asi nʼadwene pi sɛ, ɔbɛsua, na wadi Awurade mmara so, na wakyerɛ Israelfoɔ saa mmara no.


Na ɔhene Artasasta de krataa no sɛso ama ɔsɔfoɔ Ɛsra, a ɔyɛ mmara no kyerɛni a ɔsuaeɛ, na ɔkyerɛɛ Israelfoɔ Awurade mmara no. Ɔtwerɛɛ sɛ:


Na saa Ɛsra yi yɛ mmara no kyerɛkyerɛni a ɔnim Mose mmara no a Awurade, Israel Onyankopɔn, de ama Israelfoɔ no yie. Ɔfiri Babilonia baa Yerusalem na biribiara a ɔbisaa ɔhene no, ɔde maa no, ɛfiri sɛ, na Awurade ahummɔborɔ nsa no wɔ ne so.


Na yeinom nyinaa somm wɔ Yesua babarima Yoiakim a ɔyɛ Yosadak nana ne Nehemia a ɔyɛ amrado ne Ɛsra a na ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne mmara no ɔkyerɛkyerɛfoɔ berɛ so.


Wɔfaa nsuo Aniwa Ɛpono no ho, kɔɔ tee kɔforoo kuropɔn no ɔfasuo atwedeɛ a ɛkyerɛ Dawid kuropɔn no. Wɔfaa Dawid efie ho, kɔsii Nsuo Ɛpono a ɛwɔ apueeɛ fam no ho.


ne asɔredan mu asomfoɔ a na wɔte kokoɔ Ofel so. Wɔsiesiee ɔfasuo no kɔsii Nsuo Ɛpono no de kɔ apueeɛ fam ne abantenten a ɛyi ne ho adi no.


Enti, nnipa no kɔtwitwaa mman, na wɔde sisii asese wɔ wɔn afie, wɔn adihɔ, Onyankopɔn asɔredan adihɔ anaa adwaberem a ɛwowɔ asutene apono no ne Efraim apono no mu.


Ɔde nʼani kyerɛɛ adwaberem wɔ nsuseneeɛ ɛpono no ano, firi anɔpahema kɔsii owigyinaeɛ kenkanee mmara no den, maa obiara a ɔte aseɛ no teeɛ. Ɔmanfoɔ no nyinaa wɛnee wɔn aso, tiee mmara no.


Sɛ wɔannyina mmara ne adanseɛ yi so anka asɛm yi a, wonni adekyeɛ mu hann.


Enti wɔde saa nneɛma yi nyinaa baa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no. Nnipa no nyinaa bɛgyinagyinaa Awurade anim.


“Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.


Yesu toaa ne nkyerɛkyerɛ no so sɛ, “Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ a wɔabɛyɛ mʼasuafoɔ no te sɛ efiewura a wada nʼagyapadeɛ foforɔ ne dada nyinaa adi.”


“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ nyaatwomfoɔ, ɛfiri sɛ, mosi afoforɔ Ɔsoro Ahennie ho ɛkwan. Mo a, monkɔ mu. Mo nso a, momma afoforɔ a wɔpɛ sɛ wɔkɔ mu no ɛkwan.


“Atwerɛsɛm no Akyerɛkyerɛfoɔ ne Farisifoɔ no na wɔkyerɛ Mose mmara no ase.


Mɛsoma adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ aba mo nkyɛn. Mobɛbɔ wɔn mu bi asɛnnua mu akum wɔn. Mobɛbɔ ebinom akyi mmaa wɔ mo asɔredan mu, na moataa ebi firi nkuro so akɔ nkuro so.


Israelfoɔ nyinaa nhyia wɔ Awurade mo Onyankopɔn anim wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ no, na moakan saa mmara yi wɔ wɔn anim ama wɔate.


Afei, Israelfoɔ nyinaa; ɛfiri Dan kɔsi Beer-Seba ne Gilead asase so bɛhyiaa Awurade anim sɛ nnipa baako wɔ Mispa.


Nnipa no nyinaa sɔre buaa sɛ, “Yɛn mu biara rensane nkɔ fie.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan