Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 7:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me tirim mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanimfoɔ ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mehunuu wɔn a wɔforo baa kane no ho mmusua nkaneeɛ nwoma, na mehunuu sɛ wɔatwerɛ mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ:

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 7:5
15 Iomraidhean Croise  

Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.


Ayɛyie nka Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn a ɔmaa ɔhene adwene sɛ ɔnsiesie Awurade asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no.


Ao me Onyankopɔn, kae deɛ mayɛ ama nnipa yi, na hyira me.


Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛɛ sɛ wɔhunahuna me no.


Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu.


Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.


Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.


hunu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛtene wʼakwan.


Nanso, Onyankopɔn adom enti, mete sɛ deɛ mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yie. Ama matumi ayɛ adwuma denden asene asomafoɔ a aka no nyinaa a ɛmfiri mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu.


Biribiara nni yɛn mu a ɛbɛtumi ama yɛasi yɛn bo aka sɛ yɛbɛtumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no firi Onyankopɔn.


Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama Tito mo ho anigyeɛ, sɛdeɛ me nso mʼani gye mo ho no bi.


Ɛno enti na menam Kristo tumi sononko a ɔde ma me no so yɛ adwumaden.


Me nuanom adɔfoɔ, mommma wɔnnnaadaa mo.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan