Nehemia 7:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm2 Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree. Faic an caibideilTwerɛ Kronkron2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree, Faic an caibideilAkuapem Twi Nkwa Asɛm2 Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree. Faic an caibideilNew Revised Asante Twi Bible2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa, ɛfiri sɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafoɔ a ɔsuro Onyankopɔn sene nnipa bebree, Faic an caibideilKYERƐW KRONKRON2 Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii, Faic an caibideil |
Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia (460) ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so.
Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”
Na hwehwɛ nnipa bi a wɔyɛ nyamesurofoɔ na wɔyɛ nokwafoɔ a wɔmpɛ adanmudegyeɛ, na wɔn mu baako biara nyɛ nnipa apem so ɔtemmufoɔ. Ɛsɛ sɛ saa onipa no nya atemmufoɔ edu hyɛ nʼase na wɔn mu baako biara ahwɛ nnipa ɔha so. Na wɔn ase no, wɔbɛyi atemmufoɔ baanu a wɔbɛhwɛ nnipa aduonum so, na wɔn nso, atemmufoɔ baanum bɛhyɛ wɔn mu biara ase na wɔatu nnipa edu fo.