Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 6:9 - Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Huna na na wɔpɛ sɛ wohunahuna yɛn. Na wususuw sɛ wobetumi abu yɛn aba mu na yegyae adwuma no yɛ. Ɛno nti, mebɔɔ mpae sɛ menya ahoɔden de atoa dwumadi no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔn nyinaa, ehu nko ara na na wɔyi yɛn sɛ: Wɔn nsam bɛgo afiri adwuma no ho, na wɔanyɛ. Na afei, Onyankopɔn hyɛ me nsam den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔn nyinaa, ehu nko na woyi yɛn sɛ: Wɔn nsam begow afi adwuma no ho na wɔanyɛ. Na afei, hyɛ me nsam den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 6:9
23 Iomraidhean Croise  

Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, monnya akokoɔduru, na mobɛnya mo adwumayɛ so akatua.”


Asiria mpanimfoɔ a wɔde krataa no baeɛ no teateaam de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kuro no ɔfasuo fasin so, de hunahunaa wɔn, sɛdeɛ wɔbɛtumi afa kuropɔn no a wɔmmerɛ ho.


Na wɔn afipamfoɔ boa maa wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ atam ne nyɛmmoa, ma wɔde tuu kwan no. Wɔmaa wɔn akyɛdeɛ pa bebree de kaa deɛ ɛfiri wɔn ankasa akoma mu no ho.


Ao me Onyankopɔn, kae bɔne a Tobia ne Sanbalat ayɛ no nyinaa. Na kae odiyifoɔ baa Noadia ne adiyifoɔ a wɔte sɛ ɔno a wɔpɛɛ sɛ wɔhunahuna me no.


Ɛberɛ a mesu mefrɛɛ wo no, wogyee me so; womaa me nyaa akokoɔduru ne nnamyɛ.


Sɛ mebɔ hu a, mede me ho bɛto wo so.


Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ; Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ. Ayɛyie nka Onyankopɔn! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.”


Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta; mma mʼanim ngu ase da.


Ɔma deɛ watɔ bera ahoɔden deɛ wayɛ mmerɛ nso, ɔto nʼahoɔden so.


Nsuro, na me ne wo wɔ hɔ; mma wʼabasam mmu, na mene wo Onyankopɔn. Mɛhyɛ wo den, na mɛboa wo; mede me tenenee nsa nifa bɛpagya wo.


Ɛno enti adwumayɛfoɔ no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Ɛsɛ sɛ wɔkum saa ɔbarima yi. Ɔde nsɛm a ɔreka no bu asraafoɔ a wɔaka wɔ kuropɔn yi mu ne nnipa no nyinaa aba mu. Saa ɔbarima yi nhwehwɛ saa nnipa yi yiedie na mmom wɔn sɛeɛ.”


Mɛhyɛ Babiloniahene basa mu den na mede mʼakofena ahyɛ ne nsa, nanso Farao deɛ, mɛbu nʼabasa mu, na wasi apinie wɔ nʼanim sɛ obi a wapira pirabɔne.


Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnante,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.


Ne mmuaeɛ a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na ɛberɛ a woayɛ mmerɛ no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti, ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛyɛ hoahoa me ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛte Kristo banbɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka.


Mebɔ mpaeɛ sɛ ɔmfiri nʼanimuonyam ahonya no mu mfa ne Honhom a ɛte mo mu no so nhyɛ mo den,


Deɛ ɛtwa toɔ ne sɛ, monyɛ den wɔ ne ne tumi kɛseɛ no mu.


Ahoɔden a Kristo de ma me no enti, metumi gyina tebea biara ano.


Montenetene nsa ne nkotodwe a emu agogo no mu.


Na adom nyinaa Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa animuonyam no mu Kristo mu no, ɔno ara na sɛ monya hunu amane kakra ansa a, ɔbɛsiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma mo anya nnyinasoɔ.


Dawid ho yeraa no yie, ɛfiri sɛ, na mmarima no adwene ho sɛ wɔbɛsi no aboɔ, ɛsiane, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa a wɔakyekye wɔn no enti. Nanso, Dawid nyaa ahoɔden wɔ Awurade, ne Onyankopɔn mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan