Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:9 - Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Afei, mekɔɔ so kae se, “Nea moreyɛ no nye. Ɛsɛ sɛ monantew Onyamesuro mu, sɛnea atamfo aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aserewde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na mekaa sɛ: Asɛm a moredie yi nyɛ, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monanteɛ, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfoɔ no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na mekae sɛ: Asɛm a moredi yi nye, so, ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn no suro mu na ɛsɛ sɛ monantew, amanaman a wɔyɛ yɛn atamfo no nsopa no nti?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:9
21 Iomraidhean Croise  

Abraham buaa sɛ, “Mesusuu sɛ, nokorɛm, Onyankopɔn biara nni mo mu, ne saa enti, me yere enti, mobɛtumi akum me.


Ne nnansa so no, Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom no sɛ, “Meyɛ onyamesuroni. Ɛno enti, merebɛma mo ɛkwan ama moasane mo ho sɛ monyɛ akwansrafoɔ.


Nanso, sɛ woama Awurade atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.”


Na mebɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao yɛn Onyankopɔn, tie yɛn, na wɔredi yɛn ho fɛ. Ma wɔn fɛdie no mmɔ wɔn ara wɔn tiri so, na ma wɔn ankasa nkɔyɛ nnommumfoɔ wɔ amamfrafoɔ asase so.


Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfoɔ bɔ ɔmanfoɔ no sika ne atokoɔ bosea, nanso, afei momma yɛnnyae boseabɔ no.


Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia (460) ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so.


Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi? Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ.


Basabasayɛni daadaa ne yɔnko na ɔde no fa ɛkwammɔne so.


Ɛnyɛ sɛ wɔtwe deɛ ɔdi bem aso, anaasɛ wɔtwa adwumayɛfoɔ mmaa wɔ wɔn nokorɛdie enti.


Ɛnyɛ sɛ wɔdi ma omumuyɛfoɔ anaasɛ wɔbu deɛ ɔdi bem atɛnkyea.


Mmɔdemmɔ a nimdeɛ nka ho no nyɛ, saa ara na ntɛmpɛ a ɛma obi yera ɛkwan nso nyɛ.


Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka: Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:


Na baabiara a wɔkɔɔ wɔ amanaman mu no, wɔguu me din kronkron ho fi, ɛfiri sɛ wɔkaa wɔ wɔn ho sɛ, ‘Yeinom yɛ Awurade nkurɔfoɔ, nanso na ɛsɛ sɛ wɔfiri nʼasase so.’


Suro wo Onyankopɔn na ma wo nua ntena wo nkyɛn; na sɛ wobɔ no bosea a, nnye no ho ba.


Afei, asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timiiɛ. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu.


Ɛnyɛ nwanwa sɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ mo enti, ewiasefoɔ kasa tia Onyankopɔn.


Enti me pɛ ne sɛ, akunafoɔ nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a atamfoɔ nnya wɔn ho ɛkwan nka nsɛm ntia wɔn.


ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefoɔ pa a wɔtie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.


Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfoɔ a, wɔahunu mo papa a moayɛ no nso, nam so ahyɛ Onyankopɔn animuonyam ɛda a ɔbɛba no.


Me mma, ɛsɛ sɛ mogyae! Mo ho nsɛm a metete firi Awurade nkurɔfoɔ nkyɛn fa mo ho no nyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan