Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:8 - Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nhyiamu no ase, meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yɛbɛtumi agye yɛn abusuafoɔ Yudafoɔ a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔhoɔ abosonsomfoɔ. Nanso, moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Ɛda biara na ɛsɛ sɛ yɛgye wɔn anaa?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nhyiamu no ase no, meka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛn a yɛaka no, yɛrebɔ yɛn ho mmɔden sɛ yebetumi agye yɛn abusuafo Yudafo a ɛsɛ sɛ wɔtɔn wɔn ho ma ahɔho abosonsomfo no. Nanso moresan atɔn wɔn akɔ nkoasom mu bio. Da biara na ɛsɛ sɛ yegye wɔn ana?” Na wɔantumi anka asɛm biara anyi wɔn ho ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 na mesee wɔn sɛ: Yɛn deɛ, yɛagye yɛn nuanom Yudafoɔ a wɔtontɔnee wɔn maa amanaman no, sɛdeɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, mobɛtontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na na wɔnhunu asɛm a wɔde bɛbua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 na misee wɔn sɛ: Yɛn de, yɛagye yɛn nuanom Yudafo a wɔtontɔn wɔn maa amanaman no, sɛ ɛwɔ yɛn nsam no, na mo nso, motontɔn mo nuanom, na wɔntontɔn wɔn ho mma yɛn anaa? Na wɔyeyɛɛ komm, na wonhu asɛm a wɔde bebua.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:8
14 Iomraidhean Croise  

Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ.


mmapɔmma tɛm dinn, na wɔn tɛkrɛma ka wɔn dodom.


“Mo ho adwiri mo, monni hwee ka bio; mo nsɛm asa.


“Obi a ɔwia onipa no, sɛ wɔkyere no sɛ saa onipa no wɔ ne nsam anaasɛ watɔn no a, wɔnkum no.


Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua.


Ɔmaa ɔbaako dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Ɔmaa deɛ ɔdi hɔ no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe ɛnna ɔmaa deɛ ɔtwa toɔ no dwetɛ kilogram aduasa ɛnan.


Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam.


Sɛ biribiara a wodi ha wo nua a, ɛnneɛ na wonte hɔ ɔdɔ mu. Mma aduane a wodi no nsɛe onipa a ne enti Kristo wuiɛ no.


Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ.


Enti, saa onipa a ɔyɛ mmerɛ yi a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, ɛsiane wo “nimdeɛ” enti ɔbɛyera!


Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam deɛ wowɔ so bɛgye, na ɛnyɛ deɛ wonnie so.


Enti, mmerɛ dodoɔ a yɛwɔ akwannya no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ obiara papa, ne titire no, wɔn a yɛne wɔn bɔ agyidifoɔ abusua.


Sɛ obi kyere ne yɔnko Israelni na ɔdi no nya sɛ ɔdɔnkɔ anaa ɔtɔn no a, ɛsɛ sɛ onyadifoɔ no wuo. Ɛsɛ sɛ motu bɔne ase firi mo mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan