Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkaa sɛ, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yɛhia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduane adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔkae se, “Yɛwɔ mmusua a emu nnipa dɔɔso. Yehia sika a ɛdɔɔso kakra a yɛde bɛtɔ aduan adi anya ahoɔden.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkaa sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa no, yɛdɔɔso, na momma yɛnkɔpɛ aduane nni na yɛnnya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 na ebinom wɔ hɔ a wɔkae sɛ: Yɛne yɛn mmammarima ne yɛn mmabea no, yɛdɔɔso, momma yɛnkɔpɛ aduan nni na yennya nkwa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:2
11 Iomraidhean Croise  

Enti, na aman a atwa Misraim ho ahyia no nyinaa kɔtɔ aduane wɔ Yosef nkyɛn wɔ Misraim, ɛfiri sɛ, na ɛkɔm a aba no ano yɛ den yie.


Yakob toaa so sɛ, “Mate sɛ aburoo wɔ Misraim. Monkɔ hɔ, na monkɔtɔ bi mmra na ɛkɔm ankum yɛn.”


Ɛhɔ na Yuda ka kyerɛɛ nʼagya Israel sɛ, “Fa yɛn nua no hyɛ me nsa, na yɛnsi mu nkɔ ntɛm nkɔtɔ aduane no bi mmra, na ɛkɔm ankum yɛn ne wo ne yɛn mma.


Adɛn enti na ɛsɛ sɛ yɛhwere yɛn nkwa ne yɛn nsase wɔ wʼanim! Afei, ma yɛmfa yɛn nnipadua ne yɛn nsase nyinaa mmɛsesa aduane. Yɛde yɛn ho ne yɛn nsase nyinaa bɛkɔ nkoasom mu. Ma yɛn aburoo, na ɛkɔm ankum yɛn, amma asase no nso anna mpan.”


Ɛda bi, Elisa mfɛfoɔ adiyifoɔ no mu baako kunafoɔ baa ne nkyɛn, bɛsu kyerɛɛ no sɛ, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wonim sɛdeɛ na ɔsuro Awurade. Nanso, seesei obi a mede no ka aba, rehunahuna sɛ, ɔbɛfa me mmammarima baanu sɛ nkoa.”


Afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛde yɛn mfuo, bobe nturo ne yɛn afie asisi awowa sɛdeɛ yɛbɛnya aduane wɔ ɛkɔm ɛberɛ mu.”


Moduaa bebree, nanso motwaa kakraa bi. Modidi, nanso mommee. Monom, nanso osukɔm de mo ara. Mohyɛ ntadeɛ, nanso ɛnka mo hye. Monya akatua, na mode gu sikabɔtɔ a wɔatuetue mu ntokuro mu.”


Sɛ moantie, sɛ moannyɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam a, mede nnome bɛba mo so, na mɛdane mo nhyira ama ayɛ nnome. Aane, madome mo dada, ɛfiri sɛ monyɛɛ mo adwene sɛ mobɛhyɛ me animuonyam, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.


Bosea a mobɔ mo yɔnko Israelni no, sɛ ɛyɛ sika, aduane anaa biribi foforɔ no, monnnye ho mfɛntom.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan