Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:16 - Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Mekum me ho maa ɔfasuo no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ mɛnya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfoɔ nyinaa de wɔn berɛ bɛyɛ adwuma wɔ ɔfasuo no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Na ɔfasuo yi ho adwuma no nso, mesɔɔ mu, na yɛannye asase biara mpo, na m’asomfoɔ nyinaa ano bɛboae wɔ adwuma no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Mikum me ho maa ɔfasu no ho adwumayɛ, na mampɛ sɛ menya asase biara. Mehwɛɛ sɛ mʼadwumayɛfo nyinaa de wɔn bere bɛyɛ adwuma wɔ fasu no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Na ɔfasuo yi ho adwuma no nso, mesɔɔ mu, na yɛannye asase biara mpo, na m’asomfoɔ nyinaa ano bɛboae wɔ adwuma no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Na ɔfasu yi ho adwuma no nso, misoo mu, na yɛannye asase bi po, na m’asomfo nyinaa ano bɛboae adwuma no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:16
11 Iomraidhean Croise  

Yei ne nsonsonoeɛ kɛseɛ a ɛda yɛne amradofoɔ a wɔdii ɛkan no ntam, ɛfiri sɛ, wɔde asodie kɛseɛ too ɔmanfoɔ no so. Na daa wɔgye nnuane ne nsã ka a ɛkari gram ahanan ne aduosia (460) ho firi nnipa no hɔ. Mpo, wɔn aboafoɔ faa ho didii ɔmanfoɔ no ho. Nanso, ɛsiane suro a na mesuro Onyankopɔn no enti, mamfa saa ɛkwan no so.


Mammisa hwee, nso na ɛberɛ biara mema Yudafoɔ adwumayɛfoɔ ɔha aduonum didi wɔ me didipono so a, ahɔhoɔ a wɔfifiri nsase foforɔ so nka ho.


Mose bo fuiɛ na ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Nnye wɔn afɔrebɔdeɛ biara! Menwiaa wɔn afunumu baako mpo na menyɛɛ wɔn mu biara bɔne bi.”


Aba a ɛguu asase pa mu no gyina hɔ ma wɔn a wɔde akoma pa tie asɛmpa no, na wɔdi so, gyina pintinn de abrabɔ pa di ho adanseɛ.


Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ papa de hwehwɛ animuonyam, anidie ne deɛ ɛmporɔ no, ɔbɛma wɔn nkwa a ɛnni awieeɛ.


Enti, me nuanom, monnyina pintinn. Ɛda biara monyɛ Awurade adwuma, ɛfiri sɛ, menim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.


Ne saa enti, mommma yɛmmmrɛ papayɛ ho, ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛsɛ mu no, sɛ yɛampa aba a yɛbɛtwa nnɔbaeɛ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan