Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:12 - Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na wɔbuaa sɛ, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfiri nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ deɛ woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfoɔ no, na memaa atitire no ne adwumayɛfoɔ no kaa ntam sɛ, wɔbɛdi wɔn bɔhyɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na wobuae se, “Yɛde biribiara bɛma na yɛremmisa biribiara mfi nnipa no nkyɛn bio. Yɛbɛyɛ nea woka no.” Afei, mefrɛɛ asɔfo no, na memaa atitiriw no ne adwumayɛfo no kaa ntam sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna wɔse: Yɛbɛdane ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribiara. Yɛbɛyɛ saa, sɛdeɛ woaka no. Na mefrɛɛ asɔfoɔ no mebae, na memaa wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ no sɛdeɛ asɛm yi teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna wose: Yɛbɛdan ama, na yɛrenhwehwɛ wɔn hɔ biribi; yɛbɛyɛ sa, sɛnea woaka no. Na mefrɛɛ asɔfo no mebae, na mema wɔkekaa ntam sɛ wɔbɛyɛ sɛ asɛm yi te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:12
15 Iomraidhean Croise  

Afei badwa no nyinaa maa wɔn nne so kaa sɛ, “Ampa, wʼasɛm no yɛ nokorɛ. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ deɛ woaka no.


Na Ɛsra sɔre gyinaeɛ, na ɔhyɛɛ sɛ asɔfoɔ no ntuanofoɔ, Lewifoɔ ne Israelfoɔ nyinaa nka ntam sɛ, wɔbɛyɛ deɛ Sekania aka no. Na wɔn nyinaa kaa ntam a ano yɛ den.


wɔn nyinaa firi akoma pa mu kaa ntam, de kyekyeree wɔn ho. Wɔkaa ntam dii nse sɛ, sɛ wɔbu Onyankopɔn mmara a ɔnam ne ɔsomfoɔ Mose so de abrɛ wɔn no so a, nnome biara a Onyankopɔn de bɛba wɔn so no, wɔpene so. Wɔfiri akoma mu hyɛɛ bɔ sɛ, wɔbɛto wɔn bo adi Awurade, wɔn Wura, ahyɛdeɛ ne ne mmara nyinaa so.


“Yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛremma yɛn mmammaa nware abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so, na saa ara nso na yɛremma yɛn mmammarima nso nware wɔn mmammaa.


“Yɛsane hyɛ bɔ sɛ, sɛ nnipa a wɔwɔ asase no so de adwadeɛ anaa atokoɔ ba bɛtɔn no homeda anaa ɛda kronkron bi a, yɛrentɔ bi. Na yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛrenyɛ adwuma biara mfeɛ nson a ɛbɛba biara mu, na ɛka biara a Yudafoɔ afoforɔ bi de yɛn no, yɛbɛtwam.


Enti, mekɔɔ wɔn so, kɔdomee wɔn. Mehwee wɔn mu bi, tutuu wɔn tirinwi. Memaa wɔkaa ntam Awurade anim sɛ, wɔremma wɔn mma ne abosonsomfoɔ a wɔwɔ asase no so nni awadeɛ.


Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.”


Nanso, Yesu ammua no. Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ no sɛ, “Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Agyenkwa no, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!”


Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan