Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 5:10 - Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfoɔ bɔ ɔmanfoɔ no sika ne atokoɔ bosea, nanso, afei momma yɛnnyae boseabɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfoɔ, yɛafɛm wɔn sika ne aduane, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mʼankasa ne me nuanom mmarima ne mʼadwumayɛfo bɔ ɔmanfo no sika ne atoko bosea, nanso afei momma yennyae boseabɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfoɔ, yɛafɛm wɔn sika ne aduane, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na me nso, me nuanom ne m’asomfo, yɛafɛm wɔn sika ne aduan, momma yɛmfa ka yi nkyɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 5:10
18 Iomraidhean Croise  

“Deɛ ɛka ho ne sɛ, yɛhyɛ bɔ sɛ, yɛbɛtua Asɔredan afirinhyia toɔ a wɔahyɛ yɛn sɛ yɛntua a ɛyɛ dwetɛ gram ɛnan, sɛdeɛ ɛbɛma wɔanya sika bebree de abɔ yɛn Onyankopɔn Asɔredan no ho bra.


Ɛnnɛ yi ara, ɛsɛ sɛ mode wɔn mfuo, bobeturo, ngo dua mfuo ne wɔn afie ma wɔn. Montua nsiho a mogyee wɔn wɔ sika, atokoɔ, nsã ne ngo bosea a mobɔɔ wɔn no ho mma wɔn.”


Medwenee saa asɛm yi ho, na mekasa tiaa atitire ne adwumayɛfoɔ no. Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monam nsiho a mogye firi mo ara mo nkurɔfoɔ bosea a wɔbɔ so no hyɛ wɔn so.” Na mefrɛɛ ɔmanfoɔ nhyiamu kaa ho asɛm.


Afei, mekɔɔ so kaa sɛ, “Deɛ moreyɛ no nyɛ. Ɛsɛ sɛ monante Onyamesuro mu, sɛdeɛ atamfoɔ aman no nnya kwan mfa mo nyɛ aseredeɛ.


deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem. Deɛ ɔyɛ yeinom no renhinhim da.


“Saa mmuadadie yi na mepɛ: sɛ mobɛyiyi ntɛnkyea nkɔnsɔnkɔnsɔn na moasane kɔnnua nhoma, sɛ mobɛgyaa wɔn a wɔhyɛ wɔn so na moabubu kɔnnua biara.


Ɔbɔ bosea gye nsiho na ɔgye mfɛntom mmorosoɔ. Saa onipa yi bɛnya nkwa anaa? Dabi! Esiane sɛ wayɛ saa akyiwadeɛ yi nyinaa enti, ampa ara, wɔbɛkum no na ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so.


Ɔnhyɛ obiara so, na ɔde boseagyeni awowasideɛ sane ma no. Ɔmmɔ korɔno mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de no na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.


Ɔmmɔ bosea nye nsiho na ɔnnye mfɛntom mmorosoɔ. Ɔtwe ne ho firi mfomsoɔyɛ ho na ɔbu nnipa baanu ntam atɛntenenee.


Nnome nka wɔn a wɔfa amumuyɛ ho adwene, wɔn a wɔbɔ ɛpɔ bɔne wɔ wɔn mpa so! Wɔsɔre anɔpa kɔdi dwuma no ɛfiri sɛ wɔwɔ tumi sɛ wɔyɛ.


Ɛfiri sɛ yɛnim sɛdeɛ yɛsuro Awurade enti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yie na mewɔ anidasoɔ sɛ monim me nso wɔ mo akoma mu.


Enti yɛyɛ asomafoɔ ma Kristo, na ɛte sɛdeɛ Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho.


Anuanom a yɛne Onyankopɔn bom yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ, Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, monnnye no kwa.


Ɛkwan a ɛsɛ sɛ mofa so nie: Ɛsɛ sɛ boseabɔni biara a wabɔ ne yɔnko Israelni bosea no, ɔde kyɛ no. Ɛnsɛ sɛ wɔdan wɔn yɔnko anaa wɔn busuani ka, ɛfiri sɛ, Awurade ɛberɛ a wɔde bosea kyɛ no aduru.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan