Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na bere a Sanbalat ne Tobia ne Arabfo ne Amonfo ne Asdodfo tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasu no mu atokuru no, wɔn bo fuw yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ no tee sɛ wɔretoatoa Yerusalem afasuo no ahyia, na wɔafiri aseɛ retuatua ntokuro no, wɔn bo fuu sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Sanbalat ne Tobia ne Arabiafo ne Amonfo ne Asdodfo no tee sɛ wɔatoatoa Yerusalem afasu no ahyia na wɔafi ase retuatua ntokuru no, wɔn bo fuwii sɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:7
29 Iomraidhean Croise  

Mede ɔtan bɛto wo ne ɔbaa no ne wʼasefoɔ ne nʼasefoɔ ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo tire, na wo nso woaka ne nantin.”


Na Awurade somaa akofoɔ firi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛdeɛ Awurade nam nʼadiyifoɔ so hyɛɛ ho nkɔm no.


Yei akyi no, Moabfoɔ, Amonfoɔ ne Maonfoɔ asraafoɔ bi tuu Yehosafat so sa.


Yɛpɛ sɛ yɛma wote sɛ, yɛkɔɔ beaeɛ a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu. Aboɔ a wɔasiesie sononko ne nnua na wɔde resi afasuo no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.


Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”


Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ,


Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden.


Wɔn nyinaa yɛɛ nhyehyɛeɛ sɛ wɔbɛba abɛko atia Yerusalem, na wɔama basabasayɛ aba hɔ.


Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.


amanfrafoɔ a wɔwɔ hɔ nyinaa; Us ahemfo; Filistifoɔ ahemfo (a ɛyɛ Askelon, Gasa, Ekron ne nnipa a wɔagya wɔn wɔ Asdod);


Ismael faa nnipa a na wɔaka wɔ Mispa no nyinaa nnommum; ɔhene mmammaa ne wɔn a wɔkaa hɔ no nyinaa a Nebusaradan a ɔtua ɔhene awɛmfoɔ ano no ayi Ahikam babarima Gedalia sɛ ɔnhwɛ wɔn so no. Netania babarima Ismael faa wɔn nnommum na ɔsii mu kɔɔ Amonfoɔ nkyɛn.


Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔde akofena paepaee Gilead apemfoɔ yafunu mu de trɛɛ nʼahyeɛ mu.


Mɛsɛe Asdod ɔhene no ne deɛ ɔkura ahempoma wɔ Askelon no. Mɛdane me nsa atia Ekron, kɔsi sɛ Filistini a ɔtwa toɔ no bɛwu,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.


Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban ne Misraim aban: “Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so; hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.”


Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ wɔbɛkum asomafoɔ no.


Ɔwɔ no bo fuu ɔbaa no, enti ɔkɔeɛ de ntɔkwa kɔkaa ɔbaa no asefoɔ a wɔaka a ɛyɛ wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so na wɔgye nokorɛ a Yesu ada no adi no di.


Nahas kaa sɛ, “Ɛyɛ, na adeɛ baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, mɛtu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan