Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Yei nyinaa akyi, wɔtoo ɔfasuo no kɔsii dada no ɔsorokɔ fa twaa kuro no ho hyiaeɛ, ɛfiri sɛ, ɔmanfoɔ no yɛɛ adwumaden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Eyi nyinaa akyi no, wɔtoo ɔfasu no kosii dedaw no sorokɔ fa twaa kurow no ho hyiae, efisɛ ɔmanfo no yɛɛ adwumaden.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na yɛtoo ɔfasuo no, na wɔtoatoaa ɔfasuo no nyinaa so kɔduruu ne fa so, ɛfiri sɛ, na ɔman no wɔ adwene pa ma adwuma no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na yɛtoo ɔfasu no, na wɔtoatoaa ɔfasu no nyinaa koduu ne fa so, na ɔman no nyaa koma pa de yɛe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:6
13 Iomraidhean Croise  

“Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada.


Na ɛsiane me ho a mede ama me Onyankopɔn Asɔredan no enti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɛdan no sie. Yeinom bɛka adansie no ho nneɛma a maboaboa ano, ama asɔredan kronkron no ho.


Na Hesekia ne ɔmanfoɔ no nyinaa gyee wɔn ani wɔ deɛ Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no, ɛfiri sɛ wɔwiee biribiara ntɛm.


Mmu wʼani ngu wɔn afɔdie so. Mpepa wɔn bɔne, ɛfiri sɛ, wɔahyɛ wo abufuo wɔ adansifoɔ yi anim.”


Na ɛberɛ a Sanbalat ne Tobia ne Arabfoɔ ne Amonfoɔ ne Asdodfoɔ tee sɛ adwuma no rekɔ so na wɔretuatua ɔfasuo no mu ntokuro no, wɔn bo fuu yie.


Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase.


Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu ɛda a wobɛkɔ sa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.


Wɔakyekyere Yerusalem yie sɛ kuropɔn. Wɔahyehyɛ mu nneɛma fɛfɛ.


Ɛno enti, Awurade kanyanee Sealtiel babarima Serubabel a ɔyɛ Yuda amrado, Ɔsɔfopanin Yehosadak babarima Yosua ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ nkaeɛ no nyinaa. Wɔbɛhyɛɛ wɔn adwuma a ɛwɔ Asafo Awurade, wɔn Onyankopɔn, fie no ase,


ɛfiri sɛ, Onyankopɔn na ɔma mofiri mo pɛ mu di dwuma a ɛsɔ nʼani.


Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan