Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:3 - Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Amonni Tobia a na ɔgyina ne nkyɛn kaa sɛ, “Saa aboɔ ɔfasuo yi deɛ, sɛ sakraman koraa fa so a, ɛbɛdwiri agu fam!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Amonni Tobia a na ogyina ne nkyɛn kae se, “Saa abo fasu yi de, sɛ sakraman koraa fa so a, ebedwiriw agu fam!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Amonni Tobia a ɔgyina ne nkyɛn no kaa sɛ: Deɛ wɔretoɔ yi mpo, sɛ sakraman foro a, ɔbɛbu wɔn aboɔ fasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Amonni, Tobia a ogyina ne nkyɛn no kae sɛ: Yiw, nea wɔreto yi mpo, sɛ sakraman foro a, obebubu wɔn abo fasu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:3
8 Iomraidhean Croise  

Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab sɛ, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfuturo dodoɔ bi ka a ɛbɛboro asraafoɔ no mu biara nsabuo ma a, anyame no ntwe mʼaso denden so.”


Ben-Hadad hyɛɛ sɛ, “Sɛ wɔbaa asomdwoeɛ anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”


“ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛeɛ bi. Sɛ wobɛnya apɔnkɔsotefoɔ mpenu, afiri wʼasraadɔm mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so.


Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”


Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia, Arabni Gesem ne yɛn atamfoɔ nkaeɛ no hunuu sɛ masiesie ɔfasuo no awie a ɛkwan biara nneda ntam a ɛnso yɛnsisii apono no,


wɔ Sion bepɔ a ada mpan na sakraman nenam soɔ no enti.


Amonfoɔ anaa Moabfoɔ anaa sɛ wɔn asefoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ edu no mu biara mmma Awurade badwa ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan