Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:2 - Asante Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafo mpanyimfo anim se, “Dɛn na Yudafo ahiafo, mmɔborɔfokuw yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wogye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔre sɛ dɛn koraa a, wobetumi de da koro ato ɔfasu yi ana? Monhwɛ abo a ahyew asɛe yi a wɔreyiyi afi afabo yi mu de ayɛ adwuma bio?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔkaa no ne nuanom ne Samaria dɔm no anim sɛ: Ɛdeɛn na Yudafoɔ bɛtɛbɛtɛɛfoɔ yi reyɛ yi? Wɔbɛsiesie nnoɔma? Wɔbɛbɔ afɔdeɛ? Wɔbɛwie no da koro? Wɔbɛnyanenyane aboɔ no afiri nkunkumaboɔ akuakuo a ahyehyeɛ no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔkae ne nuanom ne Samaria atumfo no anim sɛ: Dɛn na Yudafo nyamoonyamoofo yi reyɛ yi? So wɔmma wɔn kwan? So, wɔbɛbɔ afɔre? So wobewie no nnɛ ara? So wobenyannyan abo no afi afabo akuwakuw a ahyehyew no mu?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:2
17 Iomraidhean Croise  

Na ɔmanfoɔ no pɛɛ sɛ wɔbu Yudafoɔ no aba mu na wɔhunahunaa wɔn adwuma no yɛ ho.


Ɛberɛ a wɔredwira Yerusalem ɔfasuo foforɔ no ho no, wɔka kyerɛɛ Lewifoɔ a wɔwɔ asase no so nyinaa sɛ, wɔmmra Yerusalem mmɛboa dwumadie no. Na ɛsɛ sɛ wɔde kyankyan, mmɛnta ne asankuten to wɔn aseda nnwom de hyɛ anigyeɛ fa no.


Saa anigyeɛ da no, wɔbɔɔ afɔdeɛ bebree, ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ayɛ biribi ama wɔn a enti ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani gyeɛ. Mmaa ne mmɔfra nyinaa de wɔn ho hyɛɛ afahyɛ no mu, na ɔmanfoɔ a wɔwɔ Yerusalem no osebɔ no duruu akyirikyiri.


Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”


Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase.


Wɔka sɛ, “Mommra na yɛnsɛe wɔn sɛ ɔman, sɛdeɛ wɔrenkae Israel din bio.”


“Mika a ɔfiri Moreset hyɛɛ nkɔm Yudahene Hesekia berɛ so. Ɔka kyerɛɛ Yudafoɔ nyinaa sɛ, ‘Yei na Asafo Awurade seɛ: “ ‘Wɔbɛfuntum Sion te sɛ afuo. Na Yerusalem bɛyɛ mmubuiɛ na asɔredan no kokoɔ bɛyɛ sɛ nkɔfie a nkyɛkyerɛ afu wɔ so.’


“Wontee sɛ nnipa yi reka sɛ, ‘Awurade apo ahennie mmienu a ɔyiiɛ no’ anaa? Enti wɔbu me ɔman animtia na wɔmmfa wɔn sɛ wɔyɛ ɔman bio.


“Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu.


Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa, na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho, Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so. Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu. Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu.


Saa ɛda no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, deɛ ɔyɛ mmerɛ koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefoɔ bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfoɔ a ɔdi wɔn anim.


“Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye. “(Saa ani nson yi yɛ Awurade ani a ɛhwɛ ewiase afanan nyinaa.)”


Nanso, Onyankopɔn faa ewiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafoɔ anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛ wɔ ewiase, nam so de guu ahoɔden anim ase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan