Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:10 - Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no hyɛɛ aseɛ nwiinwiiɛ kaa sɛ, “Adwumayɛfoɔ no rebrɛ, na nkunkumaboɔ no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda no fii ase nwiinwii kae se, “Adwumayɛfo no rebrɛ, na afabo no dɔɔso, na yɛn nko ara rentumi nyɛ adwuma no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na Yuda kaa sɛ: Nnesoasoafoɔ no ahoɔden so ahwan, nkunkumaboɔ no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto ɔfasuo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Yuda kae sɛ: Nnosoasoafo no ahoɔden so ahuan, na afabo no nso dɔɔso, enti yɛrentumi nto afasu no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:10
10 Iomraidhean Croise  

Ɔmaa wɔn mu ɔpeduɔson (70,000) yɛɛ apaafoɔ. Wɔn mu ɔpeduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafoɔ wɔ wɔn mmepɔ nkuro no so, ɛnna wɔn mu mpem mmiɛnsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wɔdi nnwuma no anim.


wɔmaa wɔyɛɛ sohwɛfoɔ maa adwumayɛfoɔ akuo hodoɔ. Na afoforɔ bi nso yɛɛ adwuma sɛ atwerɛfoɔ, mpanimfoɔ ne aponoanohwɛfoɔ.


Ɛberɛ korɔ no ara mu no na yɛn atamfoɔ nso reka sɛ, “Ansa na wɔn ani bɛba wɔn ho so no, na yɛato ahyɛ wɔn so, akunkum wɔn, ama adwuma no aba awieeɛ.”


wɔ ne nnamfonom ne Samaria asraafoɔ mpanimfoɔ anim sɛ, “Ɛdeɛn na Yudafoɔ ahiafoɔ, mmɔborɔfoɔ ekuo yi dwene sɛ wɔreyɛ? Wɔgye di sɛ, sɛ wɔbɔ afɔdeɛ sɛ ɛdeɛn koraa a, wɔbɛtumi de ɛda koro ato ɔfasuo yi anaa? Monhwɛ aboɔ a ahye asɛeɛ yi a wɔreyiyi afiri nkunkumaboɔ yi mu de ayɛ adwuma bio?”


Nanso, yɛbɔɔ yɛn Onyankopɔn mpaeɛ, wɛnee kuro no awia ne anadwo de bɔɔ yɛn ho ban.


“Onipa ba, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm koo ɔkoden tiaa Tiro, etire biara so pepaeɛ na mmatire nso so popɔreeɛ. Nanso ɔno ne nʼakodɔm no annya hwee amfiri adwumaden a wɔyɛ de tiaa Tiro no mu.


Asɛm a Asafo Awurade ka nie: “Nnipa no reka sɛ, ‘Ɛberɛ no nnya nnuruiɛ sɛ wɔsi Awurade fie no.’ ”


Akwansrafoɔ no bi kaa sɛ, “Nanso ɛnyɛ ahoɔdenfoɔ sei na ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di asie. Wɔbɛtɔre yɛn ase!”


nanso ɛberɛ a wɔwiee nsra no na wɔfiri Eskol subɔnhwa mu baeɛ no, wɔbuu nnipa no aba mu sɛ wɔrenkɔ Awurade Bɔhyɛ Asase no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan