Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 4:1 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɛberɛ a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo fuu yie. Nʼani beree yie, dii Yudafoɔ no ho fɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Bere a Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no, ne bo fuw yiye. Nʼani beree yiye, dii Yudafo no ho fɛw,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasuo no, ne bo hurui na ɔnyaa abufuo pii pa ara, na ɔdii Yudafoɔ no ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Sanbalat tee sɛ yɛreto ɔfasu no no, ne bo hurui na onyaa abufuw pii pa ara, na odii Yudafo no ho fɛw.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 4:1
13 Iomraidhean Croise  

Esiane sɛ ɔsɔfopanin Eliasib babarima Yehoiada aware Horonni Sanbalat babaa enti, mepamoo no firii mʼanim.


Nanso, Haronini Sanbalat ne Amonni Tobia a wɔyɛ mpanimfoɔ tee sɛ mabɛduru no, wɔn bo fuu yie sɛ obi aba hɔ a ɔpɛ sɛ ɔboa Israel.


Ɛberɛ a Sanbalat, Tobia ne Arabni Gesem tee yɛn nhyehyɛeɛ no, wɔdii yɛn ho fɛ, na wɔbuu animtia kaa sɛ, “Ɛdeɛn na moreyɛ yi, na morete ɔhene anim atua sei?”


Enti, Elul bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) da a ɛtɔ so mmienu no, wɔwiee ɔfasuo no nsiesie, nnafua aduonum mmienu a wɔhyɛɛ dwumadie no ase.


Ɛberɛ a yɛn atamfoɔ ne aman a wɔatwa yɛn ho ahyia teeɛ no, wɔsuroeɛ, na ɛma wɔbotoeɛ. Wɔhunuu sɛ Onyankopɔn mmoa na wɔde ayɛ adwuma no.


Ɔhene Sedekia ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, “Mesuro Yudafoɔ a wɔkɔ Babiloniafoɔ afa no, ɛfiri sɛ, ebia Babiloniafoɔ no de me bɛma wɔn na wɔayɛ me ayakayakadeɛ.”


Herode hunuu sɛ anyansafoɔ no adaadaa no no, ne bo fuu mmoroso. Ɔsomaa nʼasraafoɔ sɛ wɔnkɔ Betlehem ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa mu nkɔkunkum mmadoma mmarimaa kɔsi wɔn a wɔadi mfeɛ mmienu so, sɛdeɛ anyansafoɔ no ɛberɛ a wɔkaa sɛ wɔwoo abɔfra no wɔ mu no kyerɛ no.


ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe wɔ nʼanim hyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ Ɔhene, wo nkwa so.”


Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso.


Wɔguu afoforɔ anim ase, bɔɔ wɔn mmaa, na wɔkyekyeree ebinom de wɔn guu afiase.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan