Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn amɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔn a wodi so ne Tekoafo, mmom wɔn mpanyimfo no ampene sɛ wɔbɛboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafoɔ miamiaa mu, na wɔn aberempɔn amfa wɔn kɔn ammɛhyɛ wɔn wura adwuma no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Wɔn nkyɛn mu na Tekoafo miamiaa mu, na wɔn abirempɔn amfa wɔn ho ammɛhyɛ wɔn AWURADE som no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:5
17 Iomraidhean Croise  

Enti, ɔsoma ma wɔkɔɔ Tekoa kɔfaa ɔbaa nyansafoɔ bi a wagye edin yie brɛɛ no. Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Hyɛ da yɛ wo ho sɛ wowɔ ayie mu, na fira ayitoma. Nnware anaa mfa aduhwam mpete wo ho nso. Yɛ wo ho sɛ ɔbaa a wadi awerɛhoɔ nna bebree.


Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa,


Afei, Tekoafoɔ nso toaa so. Wɔbɛsiesiee ɛfa foforɔ bi a ɛne abantenten kɛseɛ a ɛyi ne ho adi no ntentenesoɔ kɔsi Ofel ɔfasuo no.


Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok.


Paseah babarima Yoiada ne Besodeia babarima Mesulam na wɔsiesiee Kuropɔn Dada Ɛpono no. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no de nkyerewa ne nnaban bobɔɔ mu.


Mede saa nkra korɔ no ara kɔmaa Yudahene Sedekia sɛ, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene kɔnnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfoɔ na mobɛnya nkwa.


Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛɛ me: “Fa mmeamudua ne nkyehoma yɛ kɔnnua sɛn wo kɔn mu.


“ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahennie bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne kɔnnua ase a, mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kɔsi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ.


“Benyaminfoɔ monnwane nkɔbɔ mo ho adwaa! Monnwane mfiri Yerusalem! Monhyɛne totorobɛnto no wɔ Tekoa! Monsi frankaa no wɔ Bet-Hakerem! Ɛfiri sɛ amanehunu bobɔ firi atifi fam, ɔsɛeɛ bi a ɛyɛ hu.


Amos, Tekoa nnwanhwɛfoɔ no mu baako nsɛm nie. Ɔnyaa saa anisoadehunu yi a ɛfa Israel ho mfeɛ mmienu ansa na asase wosooɛ no, ɛberɛ a Usia di ɔhene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di ɔhene wɔ Israel no.


Momfa me kɔnnua nto mo ho so, na monsua me, ɛfiri sɛ, medwo, na mebrɛ me ho ase akoma mu, na mobɛnya ahome ama mo kra.


Adɛn enti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso antumi ansoa no soa agyidifoɔ no de sɔ Onyankopɔn hwɛ?


Afei, anuanom, monkae ɛberɛ a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam deɛ na mo mu bebree nyɛ anyansafoɔ, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehyeɛ nso.


‘Nnome nka Merosfoɔ,’ Awurade ɔbɔfoɔ na ɔseɛ. Ma nnome a ano yɛ den nka wɔn ɛfiri sɛ, wɔammɛboa Awurade, wɔammɛboa Awurade anko antia akofoɔ ahoɔdenfoɔ no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan