Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakkos nana na ɔsiesiee ɔfasuo no fa a ɛdi hɔ no. Nʼaboafoɔ ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nana na afei Baana babarima Sadok.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba Sadok miamiaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nena na osiesiee ɔfasu no fa a edi hɔ no. Nʼaboafo ne Berekia babarima Mesulam a ɔyɛ Mesesabel nena na afei Baana babarima Sadok.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba Berekia ba Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba Sadok miamiaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Wɔn nkyɛn mu na Hakkos ba Uria ba Meremot miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu nso na Mesesabel ba, Berekia ba, Mesulam miamiaa mu. Wɔn nkyɛn mu na Baana ba, Sadok miamiaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:4
11 Iomraidhean Croise  

Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)


Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa.


Mesesabel, Sadok, Yadua,


Mesulam, Abia, Miyamin,


Uria babarima Meremot a ɔyɛ Hakos nana nso, siesiee ɔfasuo no fa bi firi baabi a, ɛne Eliasib efie ɛpono di nhwɛanimu no, de kɔsii efie no nkyɛn baabi.


Hasenaa mmammarima na wɔsii Mpataa Ɛpono no. Wɔyɛɛ ho biribiara. Wɔtotoo mpunan no, sisii apono no, de nkyerewa ne nnaban hyehyɛɛ wɔn afa.


Selemia babarima Hanania ne Hanun a ɔyɛ Salaf babarima a ɔtɔ so nsia no siesiee ɔfasuo no fa bi, ɛna Berekia babarima Mesulam nso too ɔfasuo no fa a ɛtoa ne fie so.


Wɔn a wɔdi soɔ ne Tekoafoɔ, mmom wɔn mpanimfoɔ no ampene sɛ wɔbɛboa.


Ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa.


Asɔfoɔ baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.)


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan