Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 3:16 - Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Deɛ ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na ɔtua Bet-Sur mansini fa ano no. Ɔtoo ɔfasuo no kɔsii baabi a na ɛne adehyeɛ amusieeɛ no di nhwɛanimu, kɔsi nsukoraeɛ no so ne Nnɔmmarima Fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Nea ɔtoa ne so yɛ Asbuk babarima Nehemia a na otua Bet-Sur mansin fa ano no. Ɔtoo ɔfasu no kosii faako a na ɛne adehye amusiei no di nhwɛanim, kosi nsukorae no so ne Dɔmmarima Fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Betsur ɔmansin fa so safohene, bɛtoa miamiaa mu de kɔsii Dawid adamena ntentensoɔ ne ɔtareɛ a wɔyɛeɛ no ho ara de kɔsii nnɔmmanin fie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Ɔno so na Asbuk ba Nehemia, Bet-sur abupɛn fa so safohene, bɛtoae miamiaa mu de kosii Dawid adamoa ntentenso ne ɔtare a wɔyɛe no ho ara de kosii nnɔmmanin fi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 3:16
18 Iomraidhean Croise  

Nsɛm a ɛsisii Hesekia ahennie mu nkaeɛ no a ne tumidie ka ho, ne sɛdeɛ ɔyɛɛ subunu, twaa suka maa nsuo baa kuro no mu no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.


Na Samai woo Maon. Maon woo Bet-Sur.


Wɔsiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhwam ne sradehwam ho hwa ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ gyatanaa kɛseɛ bi de hyɛɛ no animuonyam.


Afei, mefaa Asutire Ɛpono no ho kɔsii Ɔhene Abura no ho, nanso na mʼafunumu no ntumi mfa mmubuiɛ no mu.


Halohes babarima Salum ne ne mmammaa na wɔsiesiee ɛfa a ɛdi hɔ no. Ɔno na na ɔtua Yerusalem mansini fa a aka ano.


Rekab babarima Malkia a na ɔda Bet-Hakerem mansini ano no na ɔsiesiee Sumina Ɛpono no. Ɔsiesie wieeɛ no, ɔsisii apono no, de nkyerewa hyehyɛɛ mu, bramm no.


Wɔn a wɔtoa so yɛ Lewifoɔ ekuo a na wɔhyɛ Bani babarima Rehum ase yɛ adwuma no. Hasabia a, na ɔyɛ Keila mansini fa ntuanoni no na ɔsii nʼankasa mansini ananmu, hwɛɛ ɔfasuo no toɔ so.


Deɛ ɔdi soɔ yɛ Hur a na ɔda Yerusalem mansini fa bi ano no no, babarima Refaia.


Mesisii nsukoraeɛ a mɛtwe nsuo afiri mu, de agugu nnua a ɛrenyini no so.


Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam a akofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm; adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel,


Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu, nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ, na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.


wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no akwan bebree deda ne banbɔ mu. Woboaa nsuo ano wɔ Aseɛ Abura mu.


Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so.


“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.


Bio Halhul, Bet-Sur ne Gedor,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan