Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:7 - Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene sɛ, “Ɔhene Kɛseɛ sɛ ɛsɔ wʼani a, ma me nkrataa nkɔma amradofoɔ a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no, na wɔmma me kwan mfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nwoma, na memfa menkɔma asuogya amradofoɔ no, sɛ wɔnnya me kwan nkɔsi sɛ mɛduru Yuda,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Afei, meka kyerɛɛ ɔhene se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a ma me nkrataa nkɔma amradofo a wɔwɔ mantam a ɛda Asubɔnten Eufrate agya no, na wɔmma me kwan mma memfa wɔn mantam mu nkɔ Yuda.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛsɔ ɔhene ani a, ma wɔmma me nwoma, na memfa menkɔma asuogya amradofoɔ no, sɛ wɔnnya me kwan nkɔsi sɛ mɛduru Yuda,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so a, ma wɔmma me nhoma, na memfa menkɔma asuogya amradofo no, sɛ wonnya me kwan nkosi sɛ medu Yuda,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:7
6 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene Dario too saa nkra yi: Mede krataa yi kɔma amrado Tatenai a ɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam ne Setar-Bosnai ne mo mfɛfoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Eufrate atɔeɛ fam sɛ monnkɔ hɔ.


Me ɔhene Artasasta, hyɛ mmara de kɔ agyapadeɛ akoraeɛ a ɛwɔ asuo Eufrate apueeɛ fam sɛ: Biribiara a Ɛsra bisa no, momfa mma no, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔsɔfoɔ ne ɔsorosoro Onyankopɔn no mmara kyerɛkyerɛni.


Na mefɛree sɛ mebisaa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɛkwan so. Nokorɛm, na yɛaka akyerɛ ɔhene no sɛ, “Yɛn Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuhyeɛ no tia wɔn a wɔgya no.”


Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanimfoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam, na wɔn nyinaa yɛɛ baako, boaa Onyankopɔn asɔredan no sie.


Meduruu amradofoɔ a wɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam nkyɛn no, mede ɔhene nkrataa no maa wɔn. Deɛ ɛka ho ne sɛ, ɔhene maa asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kaa me ho bɔɔ me ho ban.


Wɔn a wɔdi wɔn so yɛ Melatia a ɔfiri Gibeon, Yadon a ɔfiri Meronot ne nnipa a wɔfiri Gibeon ne Mispa a ɛyɛ amrado a ɔwɔ Asubɔnten Eufrate atɔeɛ fam no atenaeɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan