Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:6 - Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a ɔhemmea te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisae se, “Wokɔ a, wubedi nna ahe? Da bɛn na wobɛsan aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mesi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na ɔhene ne (ɔhemmaa a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ): Wo korɔ no bɛkyɛre akɔsi da bɛn, na da bɛn na wobɛsane aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ ɔbɛgya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na ɔhene ne ɔhemmea a ɔte ne nkyɛn ka kyerɛɛ me sɛ: Wo kɔ no bɛkyɛ akosi da bɛn, na da bɛn na wobɛsan aba? Na ɛsɔɔ ɔhene no ani sɛ obegya me kwan; na mehyɛɛ no da.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:6
9 Iomraidhean Croise  

Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.” Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.


Saa ɛberɛ no, na menni Yerusalem. Na masane kɔ Babiloniahene Artasasta nkyɛn wɔ nʼahennie afe a ɛtɔ so aduasa mmienu so. Akyire no na ɔmaa me kwan sɛ mensane mmra.


Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?” Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ,


buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”


Na mepɛ sɛ meka sɛ, mfeɛ dumienu a ɛyɛ ɔhene Artasasta ahennie mfeɛ aduonu kɔsi mfeɛ aduasa mmienu so a meyɛɛ amrado wɔ Yuda no, me ne mʼadwumayɛfoɔ nnyee yɛn akɔnhomabɔdeɛ da.


Mo nkurɔfoɔ bɛsane asi teteete mmubuiɛ no, na wɔato fapem a akyɛre no; wɔbɛfrɛ mo Deɛ Ɔsiesie Afasuo a Abubu no, Deɛ Ɔsiesie Adan a Abubu.


Wɔbɛsi tete mmubuiɛ no bio, na wɔasiesie mmeammea a asɛe dadaada no; wɔbɛyɛ nkuropɔn a asɛeɛ no foforɔ deɛ asɛe awoɔ ntoatoasoɔ bebree no.


Mɛbua wɔn ansa na wɔafrɛ me. Ɛberɛ a wɔgu so rekasa no, mɛtie.


“Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan