Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:5 - Asante Twi Nkwa Asɛm

5 buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔhene ani sɔ, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, anka woasoma me Yuda, ama makɔ m’agyanom adamena kuro no mu makɔkyekyere bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 buae se, “Sɛ ɛsɔ Ɔhempɔn ani, na sɛ me, wo somfo, mesɔ wʼani a, ɛno de ma menkɔ Yuda nkosiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 na mesee ɔhene no sɛ: Sɛ ɛyɛ ɔhene anisɔ, na sɛ w’akoa anya w’anim adom a, anka woasoma me Yuda, ama makɔ m’agyanom adamena kuro no mu makɔkyekyere bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 na misee ɔhene no sɛ: Sɛ eye ɔhene ani so, na sɛ w’akoa anya w’anim dom a, anka woasoma me Yuda ma makɔ m’agyanom adamoa kurow no mu makɔkyekye bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:5
12 Iomraidhean Croise  

Yoab hwee ɔhene no nan ase, hyiraa no sɛ, “Ne korakora mu no, woapene me so, na woayɛ mʼabisadeɛ ama me.”


Enti, seesei, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔnpɛnsɛmpɛnsɛm Babilonia ahemfie nneɛma dada akoraeɛ nhwɛ sɛ, ɔhene Kores hyɛɛ mmara sɛ wɔnsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no anaa. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.


Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?” Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ,


Ɛberɛ a ɔhemmaa te Ɔhene nkyɛn no, Ɔhene no bisaa sɛ, “Wokɔ a, wobɛdi nna ahe? Da bɛn na wobɛsane aba?” Ɔhene penee so, na mekyerɛɛ da a mɛsim.


“Enti, sɛ ɔhene bɛpene so a, yɛsusu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ ɔhene bɛhyɛ mmara a wɔatwerɛ no Persiafoɔ ne Mediafoɔ mmara mu a wɔntumi nsakra mu. Ɛsɛ sɛ ɛhyɛ sɛ wɔmpam ɔhemmaa Wasti mfiri wʼani so, na wɔnsi ɔhemmaa foforɔ a ɔsom bo kyɛn no.


Sɛ ɔhene kɛseɛ ani sɔ me, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼadesrɛdeɛ ma me a, anka ɔkyena wo ne Haman mmra apontoɔ a mɛto wo no ase. Na ɔkyena, mɛkyerɛ wo yei nyinaa ase.”


Ɔhemmaa Ɛster buaa sɛ, “Sɛ Ɔhene kɛseɛ ani gye me ho, na ɔpɛ sɛ ɔyɛ mʼabisadeɛ ma me a, mʼadesrɛ ara ne sɛ, ɔbɛgyaa me nkwa ne me manfoɔ nkwa mu ama yɛn.


kaa sɛ, “Sɛ mesɔ Ɔhenkɛseɛ ani na sɛ ɔdwene sɛ ɛyɛ a, hyɛ mmara a ɛtia sɛeɛ a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafoɔ a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu.


Na wobɛnya adom ne din pa wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim.


“Tie na te yei ase: Ɛfiri ɛberɛ a asɛm no bɛkɔ ama wɔasi Yerusalem ayɛ no foforɔ, kɔsi sɛ Deɛ Wɔasra no Ngo no bɛba no bɛyɛ mmerɛ nson ahodoɔ ‘nson’, ne aduosia mmienu ahodoɔ ‘nson’. Wɔbɛyiyi mmorɔno ne akwan na wɔayɛ abanbɔdeɛ a ɛyɛ den, nanso ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ mu.


“Monnue! Mo Farisifoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ! Mote sɛ ɛda a wɔasra ho fɛfɛɛfɛ nanso awufoɔ nnompe ne nneɛma funu ahyɛ mu ma tɔ.


Na ɔno nso kaa sɛ, “Ma menkɔ so nnya wʼanim adom daa, me wura. Woama me awerɛkyekyerɛ na woakasa akyerɛ wʼafenaa ayamyɛ so, me a mensɛ na memfata wo nnwumayɛfoɔ no mu baako mpo no.”


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan