Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




Nehemia 2:4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no bisaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛkwan bɛn so na mɛtumi aboa wo?” Na mebɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɔhene no bisae se, “Dɛn na wohwehwɛ?” Na mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdeɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpaeɛ,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na ɔhene no ka kyerɛɛ me sɛ: Na ɛdɛn na worehwehwɛ yi? Ɛnna mebɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




Nehemia 2:4
15 Iomraidhean Croise  

Ɛberɛ a obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ, afei deɛ ne ɔfotufoɔ Ahitofel taa Absalom akyi no, Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao Awurade, ma Ahitofel ntu Absalom ɛfo bɔne!”


Anadwo no, Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ daeɛ mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.”


Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.” Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.


Ɛberɛ a metee yeinom no, metenaa ase suiɛ. Nokorɛm, metwaa agyaadwoɔ nna bi, bua daeɛ, bɔɔ ɔsoro Onyankopɔn mpaeɛ.


Afei, mekaa sɛ, “Ao Awurade, ɔsoro Onyankopɔn, Onyankopɔn a ɔyɛ kɛseɛ na ɔyɛ ɔnwanwani no, Onyankopɔn a ɔkora ne nokorɛ dɔ apam a ɔwɔ ma wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmaransɛm so no,


Na mebuaa sɛ, “Ɔsoro Onyankopɔn bɛboa yɛn, ama yɛadi nkonim. Yɛn a yɛyɛ nʼasomfoɔ bɛhyɛ aseɛ ato ɔfasuo yi bio. Nanso, mo deɛ monni kyɛfa biara wɔ Yerusalem.”


buaa sɛ, “Sɛ ɛsɔ Ɔhene Kɛseɛ ani, na sɛ me, wo ɔsomfoɔ, mesɔ wʼani a, ɛnneɛ ma menkɔ Yuda nkɔsiesie kuropɔn a wɔasie mʼagyanom wɔ mu no.”


Na ɔhene no bisaa no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, ɛdeɛn na wohwehwɛ? Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman no fa koraa a, mede bɛma wo!”


Na ɛberɛ a wɔgu so renom nsã no, ɔhene no ka kyerɛɛ Ɛster sɛ, “Afei, ka deɛ wohwehwɛ pa ara no kyerɛ me. Wʼadesrɛdeɛ yɛ ɛdeɛn? Sɛ wobisa mʼahemman mu fa koraa a, mede bɛma wo.”


Na ɛberɛ a wɔrenonom nsã saa da no, bio, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhemmaa Ɛster, kyerɛ me deɛ wopɛ. Wʼabisadeɛ ne sɛn? Sɛ ɛyɛ ahemman yi mu fa koraa a, mede bɛma wo!”


Monna ɔsorosoro Onyankopɔn no ase. Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.


hunu no wʼakwan nyinaa mu, na ɔbɛtene wʼakwan.


Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?” Onifirani no buaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, mepɛ sɛ mehunu adeɛ!”


Ɔsafohene no sɔɔ aberanteɛ no nsa de no kɔgyinaa nkyɛn baabi bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?”


Mommma biribiara nha mo. Daa, mo nkotosrɛ ne aseda mpaeɛbɔ nyinaa mu no, momma mo adesrɛ nnuru Onyankopɔn anim.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan